Nnwom 119:161-168 AKCB

Nnwom 119:161-168

Nya Ahofama Ma Awurade Mmara

Sodifo taataa me kwa,

nanso ɛyɛ wʼasɛm nko ara na misuro.

Mʼani gye wo bɔhyɛ ho

te sɛ obi a wanya asade kɛse.

Mikyi nkontompo

na medɔ wo mmara.

Mekamfo wo mpɛn ason da biara,

wo mmara a ɛteɛ no nti.

Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoe mmoroso,

na biribiara rentumi mma wonhintiw.

Awurade, metwɛn wo nkwagye,

na midi wo mmara nsɛm so.

Midi wʼahyɛde so

na medɔ no yiye.

Midi wo nkyerɛkyerɛ ne wʼahyɛde so,

na wunim mʼakwan nyinaa.

Read More of Nnwom 119