Nnwom 119:1-8 AKCB

Nnwom 119:1-8

Dwom 119

Awurade Mmara

Nhyira nka wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ,

na wɔnantew sɛnea Awurade mmara kyerɛ.

Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛde,

na wofi wɔn koma nyinaa mu hwehwɛ no.

Wɔnyɛ mfomso biara;

na wɔnam nʼakwan so.

Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔ

a ɛsɛ sɛ wodi so pɛpɛɛpɛ.

Ao, sɛ anka mʼakwan besi pi,

ayɛ osetie wɔ wo hyɛ nsɛm ho ɛ!

Sɛ midwen wo mmaransɛm no nyinaa ho a,

ɛno de, anka mʼanim rengu ase.

Mede koma a mu tew bɛkamfo wo

bere a meresua wo mmara a ɛteɛ no.

Medi wo hyɛ nsɛm so;

na nnyaw me korakora.

Read More of Nnwom 119