Nnwom 118:1-16 AKCB

Nnwom 118:1-16

Dwom 118

Monna Awurade ase efisɛ oye,

na nʼadɔe wɔ hɔ daa.

Momma Israel nka se,

“Nʼadɔe wɔ hɔ daa.”

Momma Aaronfi nka se,

“Nʼadɔe wɔ hɔ daa.”

Momma wɔn a wosuro Awurade nka se,

“Nʼadɔe wɔ hɔ daa.”

Mʼahohia mu, misu frɛɛ Awurade;

ogyee me so, na ɔma me dee me ho.

Awurade ne me boafo; enti merensuro.

Dɛn na onipa betumi ayɛ me?

Awurade ne me wɔ hɔ; ɔyɛ me boafo.

Mede nkonimdi bɛhwɛ mʼatamfo.

Eye sɛ yebehintaw wɔ Awurade mu,

sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto onipa so.

Eye sɛ yebehintaw Awurade mu,

sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto mmapɔmma so.

Amanaman no nyinaa twaa me ho hyiae,

nanso Awurade din mu mitwitwaa wɔn gui.

Wotwaa me ho hyiaa wɔ baabiara,

nanso Awurade din mu, mitwitwaa wɔn gui.

Wɔkyere guu me so sɛ nnowa,

nanso wɔhyew ntɛm so sɛ nsɔe a ogya atɔ mu;

Awurade din mu mitwitwaa wɔn gui.

Wosum me kɔɔ mʼakyi a anka mereyɛ ahwe ase,

nanso Awurade boaa me.

Awurade yɛ mʼahoɔden ne me bammɔ;

wayɛ me nkwagye.

Osebɔ ne nkonimdi

gyigye wɔ atreneefo ntamadan mu se,

Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛse!

Wɔama Awurade nsa nifa so;

Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛse!”

Read More of Nnwom 118