Nnwom 107:33-43 AKCB

Nnwom 107:33-43

Ɔdan nsubɔnten maa no yɛɛ sare,

asuten yɛɛ asase wosee,

na asasebere dan nkyenenkyene,

wɔn a wɔte asase no so amumɔyɛ nti.

Ɔdan sare so maa no yɛɛ nsuwansuwa

na nkyɛkyerɛ yɛɛ sɛ nsuten anan mu;

Ɛhɔ na ɔde wɔn a ɔkɔm de wɔn kɔsoɛe,

na wɔkyekyeree kuropɔn tenaa mu.

Wɔyɛɛ mfuw ne bobe nturo

na ɛmaa wɔn nnɔbae bebree.

Ohyiraa wɔn na wɔn ase dɔe.

Wamma wɔn nyɛmmoa dodow so anhuan.

Afei wɔn dodow so huanee

na nhyɛso, amanehunu ne awerɛhow brɛɛ wɔn ase;

nea obu abirɛmpɔn animtiaa no

ma wokyinkyin asase kesee a ɔkwan nni hɔ so.

Nanso ɔmaa ahiafo so fii wɔn ahohia mu

na ɔmaa wɔn mmusua dɔɔ sɛ nguankuw.

Atreneefo hu ma wɔn ani gye,

nanso amumɔyɛfo nyinaa mua wɔn ano.

Momma nea ɔyɛ onyansafo no mmu eyinom,

na onsusuw Awurade adɔe kɛse no ho.

Read More of Nnwom 107