Nnwom 105:1-11 AKCB

Nnwom 105:1-11

Dwom 105

Da Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi.

Ma wiase nyinaa nhu nea wayɛ.

Monto dwom mma no, monto ayeyi dwom mma no;

monka nʼanwonwade no nyinaa.

Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;

momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya koma mu anigye.

Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden no so;

na monhwehwɛ nʼanim bere biara.

Monkae anwonwade a wayɛ

ne nsɛnkyerɛnne, ne atɛn a obui,

Abraham mma, Onyankopɔn asomfo,

Yakob mma a wapaw wɔn.

Ɔyɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn.

Nʼahenni da adi wɔ asase so nyinaa.

Ɔkae nʼapam daa nyinaa,

asɛm a ɔhyɛ maa awo ntoantoaso apem no,

apam a ɔne Abraham yɛe no,

ntam a ɔka kyerɛɛ Isak no.

Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara,

de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.

Ɔkae se, “Mede Kanaan asase no bɛma wo

sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapade.”

Read More of Nnwom 105