Nnwom 104:1-18 AKCB

Nnwom 104:1-18

Dwom 104

Me kra, kamfo Awurade!

Awurade me Nyankopɔn, woyɛ ɔkɛse!

Wɔafura wo tumi ne anuonyam.

Ɔde hann akata ne ho sɛ atade;

ɔtrɛw ɔsoro mu te sɛ ntamadan,

na ɔde ne mpia mu mpuran sisi nsu so.

Ɔde omununkum yɛ ne teaseɛnam

na ɔde nantew mframa ntaban so.

Ɔsoma nʼabɔfo sɛ mframa,

na ɔsoma nʼasomfo sɛ ogyaframa.

Ɔde asase asi ne fapem so

na ɛrenhinhim da.

Wode bun kataa so sɛ atade

na nsu gyinaa mmepɔw no so.

Nanso wʼanimka maa nsu no guanee,

wʼaprannaa nnyigyei maa woguanee;

Wɔsen faa mmepɔw so,

kɔɔ aku mu tɔnn,

koguu faako a wode ama wɔn no.

Wotoo ɔhye a wɔrentumi ntra;

na wɔammɛkata asase so bio.

Ɔma nsuwa sen fa abon mu,

ɛsen fa mmepɔw ntam.

Wɔma wuram mmoa nyinaa nsu nom;

atorɔm de kum wɔn sukɔm.

Wim nnomaa nwen wɔn berebuw wɔ nsu no ho;

na wɔto nnwom wɔ nnua no mman so.

Ofi ne soro mpia mu tɔ nsu gugu mmepɔw so;

ne nnwuma so aba mee asase.

Ɔma sare fifi ma anantwi,

na ɔbɔɔ nnua maa onipa sɛ onnua

na ɛmma aduan mfi asase mu:

nsa a ɛma onipa koma tɔ ne yam,

ngo a ɛma onipa anim tɔ so,

ne aduan a ekura onipa koma.

Wogugu Awurade nnua no so yiye,

Lebanon sida a oduae no.

Ɛsow na nnomaa yɛ wɔn mmerebuw,

na asukɔnkɔn nso yɛ nʼatenae wɔ ɔpepaw nnua no mu.

Mmepɔw atenten no yɛ wuram mmirekyi de;

na abotan yɛ guankɔbea ma ewi.

Read More of Nnwom 104