Nnwom 102:18-28 AKCB

Nnwom 102:18-28

Monkyerɛw eyi mma nkyirimma,

sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wonnya nwoo wɔn no bɛkamfo Awurade;

Awurade hwɛɛ fam fi ne kronkronbea wɔ ɔsoro hɔ;

ofi ɔsoro hwɛɛ asase,

sɛnea ɔbɛte nneduafo apinisi,

na wɔagyaa wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.”

Enti wɔbɛpae mu abɔ Awurade din wɔ Sion

na wɔakamfo no wɔ Yerusalem,

bere a amanaman ne ahenni ahorow

behyia mu na wɔasom Awurade.

Ɔmaa me yɛɛ mmerɛw wɔ bere a merenyin.

Otwaa me nkwa nna so.

Enti mekae se,

“Me Onyankopɔn, mfa me nkɔ, wɔ me nkwa nna mfimfini;

wo mfe wɔ hɔ daa kodu awo ntoatoaso nyinaa mu.

Mfiase no wotoo asase fapem,

na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.

Ne nyinaa betwa mu na wo de, wobɛtena hɔ daa;

wɔbɛtetew te sɛ atade.

Wobɛsesa wɔn te sɛ ntama,

na wɔbɛtow wɔn agu.

Nanso wote sɛnea wote,

na wo mfe to rentwa da.

Wʼasomfo mma bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim;

na wɔn asefo ase betim wɔ wʼanim.”

Read More of Nnwom 102