Nnwom 1:1-6 AKCB

Nnwom 1:1-6

ƆFA A EDI KAN

Nnwom 1–41

Dwom 1

Nhyira ne onipa a

ontie amumɔyɛfo afotu

na onni nnebɔneyɛfo nhwɛso akyi

na ɔntena fɛwdifo tenabea.

Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani,

na osusuw ho awia ne anadwo.

Ɔte sɛ dua a wɔatɛw wɔ asuten ho,

na ɛsow nʼaba ne bere mu a

nʼahaban no nguan da.

Nea ɔyɛ biara yɛ yiye.

Nanso nnebɔneyɛfo nte saa;

wɔte sɛ ntɛtɛ a

mframa bɔ gu.

Enti amumɔyɛfo rentumi nnyina atemmu no ano,

na nnebɔneyɛfo nso rentena atreneefo asafo mu.

Efisɛ Awurade kyerɛ ɔtreneeni kwan

nanso amumɔyɛfo kwan de, ɛbɛyera.

Read More of Nnwom 1