Nnwom 35:19-28
Mma mʼatamfo a wɔtan me kwa no
nhwɛ me haw nserew.
Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nanso wɔtan me no
mmfa adwene bɔne mmu me anikyiw.
Wɔnnkasa asomdwoe so,
na mmom, wɔde ntwatoso
tia nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm wɔ asase yi so.
Wɔhwɛ me haw ka se, “Yiw! Yiw,
yɛde yɛn ankasa ani ahu.”
Awurade, woahu na mmua wʼano.
Ntwe wo ho nkɔ akyiri, Awurade.
Nyan, sɔre na bɛbɔ me ho ban!
Ka bi ma me, me Nyankopɔn ne mʼAwurade.
Di mʼasɛm ma me wɔ wo trenee no mu, Awurade me Nyankopɔn;
mma wɔnnhwɛ me haw nserew.
Mma wɔnnwene nka se, “Yiw, nea yɛpɛ ni!”
anaa wɔnnka se, “Yɛanya no.”
Ma wɔn a wɔhwɛ me haw serew me wɔ mʼahohiahia mu no
nyinaa anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;
ma wɔn a wodi me so akokurokosɛm no
nhyɛ aniwu ne animguase atade.
Ma wɔn a wodi ahurusi wɔ me bembu ho no
mfa anigye ne ahosɛpɛw nteɛ mu
bere nyinaa mu; ma wɔnka se, “Momma Awurade so,
ɔno na nʼani gye ne somfo yiyedi ho.”
Me tɛkrɛma bɛka wo trenee,
ne wʼayeyi, da mu nyinaa.