Mmebusɛm 9:1-12 AKCB

Mmebusɛm 9:1-12

Nyansa Ne Nkwaseasɛm Frɛ

Nyansa asi ne fi;

wasisi nʼafadum ason.

Wasiesie ne nam de afra ne nsa,

wato ne pon.

Wasoma ne mmaawa, na ɔfrɛ

fi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea hɔ se,

“Momma ntetekwaafo nyinaa mmra ha!”

Ɔka kyerɛ wɔn a wonni atemmu se,

“Mommra mmedi mʼaduan

na monnom nsa a mafra no.

Munnyaw mo ntetekwaasɛm no na mubenya nkwa;

monnantew ntease akwan so.”

Nea ɔteɛteɛ ɔfɛwdifo no frɛ ahohorabɔ;

na nea ɔka amumɔyɛfo anim no nya ɔyaw.

Ɛno nti, nka ɔfɛwdifo anim na ɔmmɛtan wo;

ka onyansafo anim na ɔbɛdɔ wo.

Ma onyansafo akwankyerɛ na ɔbɛkɔ so ahu nyansa;

kyerɛkyerɛ ɔtreneeni na ɔde bɛka nʼadesua ho.

Awurade suro yɛ nyansa mfiase

Ɔkronkronni no ho nimdeɛ yɛ ntease.

Me mu na wo nna bɛdɔɔso,

na wɔde mfe bɛka wo nkwa ho.

Sɛ woyɛ onyansafo a, wubenya wo nyansa so mfaso;

sɛ woyɛ ɔfɛwdifo a, wo nko ara na wubehu amane.

Read More of Mmebusɛm 9