Mmebusɛm 8:32-36 AKCB

Mmebusɛm 8:32-36

“Enti me mma, muntie me;

nhyira ne wɔn a wɔnantew mʼakwan so.

Muntie mʼakwankyerɛ na munhu nyansa;

mummmu mo ani ngu so.

Nhyira ne onipa a otie me,

ɔwɛn mʼabobow ano daa,

na ɔtwɛn wɔ hɔ.

Na obiara a ohu me no nya nkwa,

na onya anisɔ fi Awurade nkyɛn.

Na nea wanhwehwɛ me no haw ne ho

na wɔn a wɔtan me no dɔ owu.”

Read More of Mmebusɛm 8