Mmebusɛm 8:1-11 AKCB

Mmebusɛm 8:1-11

Nyansa Frɛ

Tie: Nyansa refrɛ.

Ntease ma ne nne so.

Ɔkwan no so, sorɔnsorɔmmea hɔ,

nkwantanan no so, ɛhɔ na egyina,

apon a ɛkɔ kuropɔn no mu no ho,

ɛteɛ mu wɔ abobow ano hɔ se,

“Ao, mo nnipa na meteɛ mu refrɛ;

meteɛ mu frɛ adesamma nyinaa.

Mo a moyɛ ntetekwaa, momma mo ani ntew;

mo a moyɛ nkwaseafo, munnya ntease.

Muntie, na mewɔ nsɛm pa bi ka kyerɛ mo;

mibue mʼano ka nea eye.

Mʼano ka nea ɛyɛ nokware,

efisɛ mʼanofafa kyi amumɔyɛsɛm.

Mʼanom nsɛm nyinaa yɛ pɛ;

biara nni mu a ɛyɛ nkontompo anaa nnaadaasɛm.

Ne nyinaa mu da hɔ ma nea ɔwɔ nhumu;

ɛho nni asɛm ma wɔn a wɔwɔ nimdeɛ.

Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ,

momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ ankasa.

Efisɛ nimdeɛ som bo sen bota,

na worentumi mfa nea wopɛ biara ntoto no ho.

Read More of Mmebusɛm 8