Mmebusɛm 6:30-35 AKCB

Mmebusɛm 6:30-35

Nnipa mmu ɔkorɔmfo a wakowia ade animtiaa

sɛ ɔkɔm de no na ɔde rekodwudwo ano nti.

Mmom, sɛ wɔkyere no a, ɛsɛ sɛ otua mmɔho ason;

sɛ ɛbɛma wahwere ne fi agyapade nyinaa mpo a.

Ɔbarima a ɔsɛe aware no nni adwene;

obiara a ɔyɛ saa no sɛe ne ho.

Ɔhwe ne animguase na obenya,

na nʼahohora rempepa da.

Ninkutwe hwanyan okunu abufuw

na sɛ ɔtɔ were a, ahummɔbɔ biara nni mu.

Ɔrennye mpata biara;

na ɔbɛpo adanmude, sɛ ɛso sɛ dɛn mpo a.

Read More of Mmebusɛm 6