Mmebusɛm 5:15-23 AKCB

Mmebusɛm 5:15-23

Nom nsu fi wʼankasa ahina mu,

nsu a ɛteɛ fi wʼankasa abura mu.

So ɛsɛ sɛ wʼasuti yiri fa mmɔnten so

na wo nsuwa kokɔ ɔman aguabɔbea ana?

Ma ɛnyɛ wo nko ara de,

a wo ne ahɔho nkyɛ da.

Nhyira nka wʼasubura

na wʼani nnye wo mmrantebere mu yere ho.

Ɔte sɛ ɔtwe bere dɔfo, ɔwansan nuonyamfo;

ma ne nufu nsɔ wʼani daa

na ne dɔ nkyekyere wo.

Me ba, adɛn nti na woma ɔbea aguaman kyekyere wo?

Adɛn nti na woda ɔbarima foforo bi yere kokom?

Awurade hu onipa akwan nyinaa,

na ɔhwehwɛ ne nyinaa mu.

Omumɔyɛfo nnebɔne sum no afiri;

na ne bɔne ahama kyekyere no papee.

Wobewu, esiane ahohyɛso a wonni nti,

na wɔayera, esiane wɔn agyennyentwisɛm nti.

Read More of Mmebusɛm 5