Mmebusɛm 5:1-14 AKCB

Mmebusɛm 5:1-14

Aguamammɔ Ho Kɔkɔbɔ

Me ba, yɛ aso ma me nyansa;

tie me nhumu nsɛm no yiye,

sɛnea ɛbɛma woahwɛ yiye,

na wʼano akora nimdeɛ.

Efisɛ ɔbea aguaman ano sosɔ ɛwo,

na ne kasa yɛ fɔmm sen ngo;

nanso awiei no, ɛyɛ nwen sen bɔnwoma,

ɛyɛ nam sɛ afoa anofanu.

Nʼanan kɔ owu mu;

nʼanammɔntutu kɔ ɔda mu tee.

Onsusuw ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu ho;

nʼakwan yɛ kɔntɔnkye, nanso onnim.

Enti afei, me mma, muntie me;

Monntwe mo ho mmfi nea meka ho.

Ɔkwan a ɛmmɛn no no na momfa so;

mommmɛn ne fi pon ano,

anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforo

na mode mo mfe ama otirimɔdenfo,

anyɛ saa a, ahɔho bɛfom mo ahonyade

na mo brɛ de ahonya akɔ afoforo fi.

Mo nkwanna akyi, mubesi apini,

bere a mo honam ne mo nipadua asa no.

Na moaka se, “Na mikyi ahohyɛso!

Me koma ampɛ nteɛso!

Manyɛ osetie amma mʼakyerɛkyerɛfo

na mantie me kwankyerɛfo asɛm.

Madu ɔsɛe ano

wɔ asafo no nyinaa mu.”

Read More of Mmebusɛm 5