Mmebusɛm 30:24-33 AKCB

Mmebusɛm 30:24-33

“Nneɛma nketenkete anan na ɛwɔ asase so,

nanso wɔyɛ anyansafo ankasa:

Ntɛtea yɛ abɔde nketewa a wonni ahoɔden,

nanso wɔboaboa wɔn aduan ano ahuhuru bere mu;

Nkukuban30.26 Nkukuban yɛ nnanko mu ahorow bi a, wɔtena akuwakuw wɔ mmepɔw mu. yɛ abɔde a wonni ahoɔden,

nanso wɔyɛ wɔn afi wɔ abotan mu,

mmoadabi nni ɔhene,

nanso wɔsa so akuwakuw, kɔ wɔn anim;

wotumi de nsa kyere ɔketew,

nanso wohu no abirɛmpɔn ahemfi.

“Nneɛma abiɛsa na wɔwɔ abirɛmpɔnnantew,

anan na wɔkeka wɔn ho te sɛ abirɛmpɔn:

gyata, mmoadoma hene a, biribiara mmɔ no hu;

akokɔnini a ɔretutu taataa,

ɔpapo,

ne ɔhene a nʼasraafo atwa no ho ahyia.

“Sɛ woayɛ ɔkwasea ama wo ho so,

anaa woadwene bɔne a,

ma wʼani nwu na mua wʼano!

Sɛnea wɔka nufusu nu mu a srade fi mu ba,

na wokyinkyim hwene a etu mogya no,

saa ara na abufuw de akasakasa ba.”

Read More of Mmebusɛm 30