Mmebusɛm 3:21-35 AKCB

Mmebusɛm 3:21-35

Me ba, fa atemmu pa ne nhumu sie,

na mma emfi wʼani so;

ɛbɛyɛ nkwa ama wo,

nnwinne a ɛma wo kɔn anuonyam wie pɛyɛ.

Afei wo kwan so bɛyɛ wo dwoodwoo,

na wo nan renhintiw;

sɛ woda a worensuro;

sɛ woda a wʼani bekum.

Nsuro mpofirim amanehunu

anaa ɔsɛe a ɛba amumɔyɛfo so,

efisɛ Awurade bɛwɔ wʼafa

na ɔbɛkora wo nan afi afiri mu.

Mfa ade pa nkame wɔn a wɔfata,

bere a tumi wɔ wo nsam.

Nka nkyerɛ wo yɔnko se:

“Kɔ na bra; mede bɛma wo ɔkyena”

wɔ bere a wowɔ no saa bere no.

Mpam ɔhaw mma wo yɔnko

bere a ɔne wo te yiye.

Mmɔ obi sobo kwa

bere a ɔnyɛɛ wo bɔne biara ɛ.

Mma wʼani mmere basabasayɛfo,

na mfa nʼakwan no mu biara,

efisɛ Awurade kyi basabasayɛfo

na ɔde ne werɛ hyɛ ɔtreneeni mu.

Awurade nnome wɔ omumɔyɛfo fi so,

na ohyira ɔtreneeni fi.

Odi fɛwdifo a wɔyɛ ahantan no ho fɛw,

na ɔdom ahobrɛasefo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so no.

Anyansafo benya anuonyam adi,

nanso nkwaseafo de, ɔma wɔn anim gu ase.

Read More of Mmebusɛm 3