Mmebusɛm 29:19-27 AKCB

Mmebusɛm 29:19-27

Wɔmfa anom nsɛm kɛkɛ nteɛ ɔsomfo;

ɔte ase de, nanso ɔremfa.

Wuhu obi a ɔpɛ ntɛm kasa ana?

Ɔkwasea wɔ anidaso sen no.

Sɛ obi kokɔ ne somfo fi ne mmofraase a,

awiei no ɔde awerɛhow na ɛbɛba.

Onipa a ne bo afuw de mpaapaemu ba,

na nea ne bo nkyɛ fuw no yɛ bɔne pii.

Onipa ahomaso brɛ no ase,

nanso nea ɔwɔ ahobrɛase no nya anuonyam.

Nea ɔboa ɔkorɔmfo no haw ɔno ankasa ho.

Wɔama waka ntam nti osuro sɛ obedi adanse.

Onipa ho suro betumi ayɛ afiri,

na nea ɔde ne ho to Awurade so no, wobegye no.

Bebree hwehwɛ sɛ wobenya ɔhene ne no akasa,

nanso onipa nya atɛntrenee fi Awurade nkyɛn.

Atreneefo kyi atorofo;

na amumɔyɛfo kyi wɔn a wɔn akwan teɛ.

Read More of Mmebusɛm 29