Mmebusɛm 29:10-18 AKCB

Mmebusɛm 29:10-18

Mogyapɛfo kyi ɔnokwafo,

na wɔhwehwɛ sɛ wobekum nea ɔteɛ.

Ɔkwasea da abufuw nyinaa adi,

nanso onyansafo hyɛ ne ho so.

Sɛ ɔsodifo tie nkontomposɛm a,

nʼadwumayɛfo nyinaa bɛyɛ amumɔyɛfo.

Ohiani ne ɔsohyɛfo nyinaa wɔ saa ade baako yi:

Awurade ma wɔn baanu nyinaa ani a wɔde hu ade.

Sɛ ɔhene di ahiafo asɛm yiye a,

nʼahengua betim hɔ daa.

Nteɛso abaa ma nyansa,

na abofra a wɔde ne pɛ ma no no, gu ne na anim ase.

Sɛ amumɔyɛfo di yiye a, bɔne nso kɔ so,

na atreneefo behu wɔn asehwe.

Teɛ wo ba, na ɔbɛma wo asomdwoe;

ɔbɛma wo kra ani agye.

Sɛ anisoadehu nni hɔ a nnipa no yɛ basaa;

na nhyira nka nea odi mmara so.

Read More of Mmebusɛm 29