Mmebusɛm 27:5-14 AKCB

Mmebusɛm 27:5-14

Animka a ɛda gua

ye sen ɔdɔ a asuma.

Apirakuru a efi adamfo nkyɛn no ye

sen ɔtamfo mfewano bebrebe.

Ɛwo nyɛ nea wamee akɔnnɔ,

nanso nea ɛyɛ nwen mpo yɛ nea ɔkɔm de no no nʼanom dɛ.

Onipa a wayera ne fi kwan,

te sɛ anomaa a wafi ne berebuw mu rekyinkyin.

Ngo ne aduhuam ma koma ani gye,

adamfo ho anigye fi nʼafotu pa a ɔma.

Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu,

nkɔ wo nuabarima fi bere a ɔhaw ato wo,

na ɔyɔnko a ɔbɛn wo no ye sen onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.

Me ba, hu nyansa na ma me koma ani nnye;

ɛno na ɛbɛma manya mmuae ama obiara a obu me animtiaa.

Mmadwemma hu asiane na wohintaw,

nanso ntetekwaafo kɔ wɔn anim kɔtɔ mu.

Fa atade a ɛhyɛ obi a odi ɔhɔho akagyinamu;

sɛ ɔregyina ɔbea huhufo akyi a, fa si awowa.

Sɛ obi teɛ mu hyira ne yɔnko anɔpahema a,

wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nnome.

Read More of Mmebusɛm 27