Mmebusɛm 26:3-12 AKCB

Mmebusɛm 26:3-12

Ɔkafo abaa wɔ hɔ ma ɔpɔnkɔ, nnareka wɔ hɔ ma afurum,

na abaa wɔ hɔ ma nkwaseafo akyi.

Nhwɛ ɔkwasea agyimisɛm so mma no mmuae,

anyɛ saa a wo nso bɛyɛ sɛ ɔno.

Gyina ɔkwasea agyimisɛm so ma no mmuae,

anyɛ saa a ɛbɛyɛ no sɛ onim nyansa.

Sɛ wode nkra bi soma ɔkwasea a,

ɛte sɛ wutwitwa wʼankasa wʼanan anaasɛ wonom awuduru.

Apakye nan a awu na ɛsensɛn hɔ no,

yɛ mmebusɛm a ɛda ɔkwasea ano.

Ɔbo a wɔakyekyere afam ahwimmo so

te sɛ anuonyam a wɔde ama ɔkwasea.

Nsɔe dua a ɔkɔwensani kita no

te sɛ mmebusɛm a ɛda ɔkwasea ano.

Nea ɔbɔ ɔkwasea anaa obi hunu paa no

te sɛ agyantowni a opira nnipa kwa.

Sɛnea ɔkraman san kɔ ne fe ho no,

saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu.

Wuhu obi a ɔyɛ onyansafo wɔ nʼankasa ani so ana?

Anidaso pii wɔ ɔkwasea mu sen no.

Read More of Mmebusɛm 26