Mmebusɛm 26:13-22 AKCB

Mmebusɛm 26:13-22

Ɔkwadwofo ka se, “Gyata wɔ ɔkwan no mu,

gyatakeka nenam mmɔnten no so!”

Sɛnea ɔpon di akɔneaba wɔ ne mpontare so no,

saa ara na ɔkwadwofo twa ne ho wɔ ne mpa so.

Ɔkwadwofo de ne nsa si aduan mu,

na ɛyɛ no anihaw sɛ obeyi akɔ nʼano.

Ɔkwadwofo yɛ onyansafo wɔ ɔno ankasa ani so

sen nnipa baason a wodwen asɛm ho na wɔabua.

Obi a oso ɔkraman aso twe no no

te sɛ obi a ɔretwa mu na ɔde ne ho kɔfra ntɔkwaw a ɛmfa ne ho mu.

Ɔbɔdamfo a ɔtotow atuo

anaa agyanwerɛmfo no

te sɛ obi a, ɔdaadaa ne yɔnko

na ɔka se, “Na mede redi agoru!”

Nnyansin hi a ogya dum;

nseku nni hɔ a ntɔkwaw to twa.

Sɛnea gyabiriw dan nnyansramma na nnyina dan ogya no,

saa ara na ɔtɔkwapɛfo hyɛ ntɔkwaw mu takramugya.

Osekuni ano asɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ;

ɛhyɛnhyɛn onipa akwaa mu nyinaa.

Read More of Mmebusɛm 26