Mmebusɛm 24:23-34 AKCB

Mmebusɛm 24:23-34

Anyansafo Nsɛnka A Ɛkeka Ho

Eyinom nso yɛ anyansafo Nsɛnka:

Atemmu a nhwɛanim wɔ mu no nye:

Obiara a ɔbɛka akyerɛ nea odi fɔ se, “Wo ho nni asɛm” no,

nnipa bɛdome no na amanaman remmɔ no din pa.

Na wɔn a wobu afɔdifo fɔ no, ebesi wɔn yiye,

na nhyira bɛba wɔn so.

Mmuae pa

te sɛ mfewano.

Wie wo mfikyidwuma

na siesie wo mfuw;

ɛno akyi, si wo fi.

Nni adanse ntia ɔyɔnko a ɔnyɛɛ wo hwee,

na mfa wʼano nnaadaa.

Nka se, “Nea wayɛ me no me nso mɛyɛ no bi;

nea ɔyɛe no mitua no so ka.”

Menantew faa onihawfo afuw ho,

twaa mu wɔ nea onni adwene bobeturo nso ho;

nsɔe afuw wɔ baabiara,

wura afuw akata asase no so,

na abo afasu no nso abubu.

Mede me koma kɔɔ nea mihuu no so

na misuaa biribi fii mu:

nna kakra, nkotɔ kakra,

nsa a woabobɔw de rehome kakra

bɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafo,

na nneɛma ho nna bɛba wo so sɛ obi a okura akode. Na ohia bɛtow akyere wo sɛ ɔkwanmukafo; ahokyere bɛtoa wo sɛ ɔkorɔmfowerɛmfo.

Read More of Mmebusɛm 24