Mmebusɛm 18:17-24, Mmebusɛm 19:1-2 AKCB

Mmebusɛm 18:17-24

Ɛyɛ nea ɔbɔ ne nkuro kan no sɛ nʼasɛm yɛ dɛ,

kosi sɛ ɔfoforo bɛba abebisa no nsɛm no mu.

Ntontobɔ twa akyinnyegye so,

na ɛpata atamfo.

Onua a wɔafom no no asɛm yɛ den sen kuropɔn a ɛwɔ bammɔ,

akyinnyegye te sɛ abankɛse apon a wɔabram akyi.

Onipa anom asɛm so aba ma ɔyafunu mee,

nnɔbae a nʼanofafa twa no mee no.

Tɛkrɛma kura nkwa ne owu tumi,

na wɔn a wɔdɔ no no bedi nʼaba.

Nea wanya yere no anya ade pa

na onya adom fi Awurade hɔ.

Ohiani srɛ ahummɔbɔ,

nanso ɔdefo de kasaden bua no.

Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso betumi ahwe ase,

nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asen onua.

Read More of Mmebusɛm 18

Mmebusɛm 19:1-2

Ohiani a ne nantew ho nni asɛm no

ye sen ɔkwasea a nʼasɛm mfa kwan mu.

Mmɔdemmɔ a nimdeɛ nka ho no nye,

saa ara na ntɛmpɛ a ɛma obi yera kwan nso nye.

Read More of Mmebusɛm 19