Mmebusɛm 17:25-28, Mmebusɛm 18:1-6 AKCB

Mmebusɛm 17:25-28

Ɔbakwasea hyɛ nʼagya awerɛhow,

na ɔma nea onyinsɛn no no di yaw.

Enye sɛ wɔtwe nea odi bem aso,

anaasɛ wotwa adwumayɛfo mmaa wɔ wɔn nokwaredi nti.

Onimdefo dwene nʼanom kasa ho,

na nea ɔwɔ nhumu no wɔ abodwo.

Mpo sɛ ɔkwasea yɛ dinn a wobu no sɛ onyansafo,

na sɛ omua nʼano a wobu no sɛ ɔwɔ nhumu.

Read More of Mmebusɛm 17

Mmebusɛm 18:1-6

Ɔhonamkani yɛ pɛsɛmenkominya;

na nea ɛmfa atɛntrenee mma no turuw ɔham.

Ɔkwasea nni nhumu ho anigye,

na mmom nea ɔpɛ ara ne sɛ ɔde nʼadwene bɛto gua.

Sɛ amumɔyɛsɛm ba a animtiaabu di so,

na aniwu nso di animguase akyi.

Onipa anom nsɛm yɛ nsu a emu dɔ,

na nyansa asuti yɛ asuwa a ɛrefi ahuru.

Enye sɛ wodi ma omumɔyɛfo

anaasɛ wobu nea odi bem ntɛnkyew.

Nkwaseafo ano de akasakasa ba,

na wɔn ano frɛfrɛ ɔhwe.

Read More of Mmebusɛm 18