Mmebusɛm 15:21-30 AKCB

Mmebusɛm 15:21-30

Agyimisɛm ma nea onni adwene ani gye,

nanso nea ɔwɔ ntease no fa ɔkwan a ɛteɛ so.

Nhyehyɛe a enni afotu no sɛe,

nanso afotufo bebree ma ɛyɛ yiye.

Onipa a ɔma mmuae a ɛfata no ani gye,

asɛm a ɛba bere pa mu no nso ye.

Onyansafo asetena mu kwan ma no nkɔso,

esiw ne da mukɔ ho kwan.

Awurade sɛe ɔhantanni fi,

na ɔma akunafo ahye yɛ pɛpɛɛpɛ.

Awurade kyi amumɔyɛfo nsusuwii,

nanso nʼani sɔ wɔn a wɔyɛ kronkron no de.

Odifudepɛfo de ɔhaw brɛ nʼabusua,

nanso nea okyi kɛtɛasehyɛ no benya nkwa.

Ɔtreneeni koma kari ne mmuae,

nanso omumɔyɛfo ano woro bɔne.

Awurade mmɛn amumɔyɛfo koraa,

nanso ɔte ɔtreneeni mpaebɔ.

Anim a ɛtew ma koma nya ahomeka,

na asɛm pa ma nnompe ahoɔden.

Read More of Mmebusɛm 15