Mmebusɛm 15:11-20 AKCB

Mmebusɛm 15:11-20

Owu ne Ɔsɛe da Awurade anim,

na nnipa koma mu de, onim ma ɛboro so.

Ɔfɛwdifo mpɛ nteɛso;

onkobisa anyansafo hwee.

Anigye koma ma anim yɛ sereserew,

na koma a abotow dwerɛw honhom.

Nhumufo koma hwehwɛ nimdeɛ,

nanso ɔkwasea ano ka agyimisɛm.

Wɔn a wɔhyɛ wɔn so nna nyinaa yɛ mmɔbɔmmɔbɔ,

nanso anigye koma wɔ daa ahosɛpɛw mu.

Ketewa bi a yenya a Awurade suro ka ho no ye

sen ahonyade bebree a ɔhaw bata ho.

Nhabamma aduan a ɔdɔ wɔ mu no ye

sen nantwi sradenam a ɔtan bata ho.

Nea ne bo fuw ntɛm no de mpaapaemu ba,

nanso nea ɔwɔ ntoboase pata ntɔkwaw.

Nsɔe ama onihawfo kwan asiw,

nanso teefo kwan yɛ ɔtempɔn.

Ɔba nyansafo ma nʼagya ani gye,

nanso ɔba kwasea bu ne na animtiaa.

Read More of Mmebusɛm 15