Mmebusɛm 13:20-25, Mmebusɛm 14:1-4 AKCB

Mmebusɛm 13:20-25

Nea ɔne onyansafo nantew no hu nyansa,

na nea ɔne nkwaseafo bɔ no hu amane.

Ɔhaw di ɔbɔnefo akyi,

na nkɔso yɛ ɔtreneeni akatua.

Onipa pa de agyapade gyaw ne nenanom,

na wɔkora ɔbɔnefo ahonyade so ma ɔtreneeni.

Ohiani afum nnɔbae tumi ba pii,

nanso ntɛnkyew pra kɔ.

Nea ɔkyɛe nʼabaa so no tan ne ba,

na nea ɔdɔ no no hwɛ sɛ ɔbɛteɛ no.

Atreneefo didi ma wɔn koma mee,

nanso ɔkɔm de amumɔyɛfo.

Read More of Mmebusɛm 13

Mmebusɛm 14:1-4

Ɔbea nyansafo si ne dan,

nanso ɔbea kwasea de nʼankasa ne nsa dwiriw ne de gu fam.

Nea ne nantew teɛ no suro Awurade,

na nea nʼakwan kyea no bu no animtiaa.

Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa,

nanso anyansafo ano bɔ wɔn ho ban.

Faako a anantwi nni no, adididaka no mu da mpan,

na nantwi ahoɔden mu na nnɔbae pii fi ba.

Read More of Mmebusɛm 14