Mmebusɛm 12:28, Mmebusɛm 13:1-9 AKCB

Mmebusɛm 12:28

Trenee kwan mu wɔ nkwa;

na owu nni saa kwan no so.

Read More of Mmebusɛm 12

Mmebusɛm 13:1-9

Ɔba nyansafo tie nʼagya nkyerɛkyerɛ;

na ɔfɛwdifo ntie animka.

Nneɛma pa a efi onipa anom no ma no anigye,

na wɔn a wonni nokware no kɔn dɔ kitikitiyɛ.

Nea ɔkora nʼano no kora ne nkwa so,

nanso nea ɔkasa a onsusuw ho no bɛba ɔsɛe mu.

Onihawfo pere hwehwɛ nanso onya hwee,

na nea ɔyɛ adwuma no nya nea ɔpɛ biara.

Atreneefo kyi nea ɛnyɛ nokware,

nanso amumɔyɛfo de aniwu ne ahohora ba.

Trenee bɔ ɔnokwafo ho ban,

na amumɔyɛsɛm tu ɔbɔnefo gu.

Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefo, a nso onni hwee,

ɔfoforo yɛ ne ho sɛ ohiani, nso ɔwɔ ahonya bebree.

Obi ahonya betumi agye no nkwa,

nanso ohiani nte ahunahuna biara.

Atreneefo kanea hyerɛn pa ara,

nanso wodum amumɔyɛfo kanea.

Read More of Mmebusɛm 13