Mmebusɛm 12:18-27 AKCB

Mmebusɛm 12:18-27

Nsɛm hunu keka wowɔ te sɛ afoa

nanso onyansafo tɛkrɛma ma abodwo.

Ano a ɛka nokware no tim hɔ daa,

na atoro tɛkrɛma renkyɛ koraa.

Nnaadaa hyɛ wɔn a wodwen bɔne ho no koma mu,

na wɔn a wɔpɛ asomdwoe nya ahosɛpɛw.

Ɔhaw biara rento ɔtreneeni,

nanso amanehunu mee amumɔyɛfo.

Awurade kyi ano a etwa atoro,

na nʼani gye nnipa a wodi nokware ho.

Ɔtreneeni mmɔ ne nimdeɛ ho dawuru

nanso ɔkwasea koma da agyimisɛm adi.

Nsa a ɛyɛ adwuma no bedi tumi,

nanso akwadworɔ wie nkoasom mu.

Koma a ɛpere ade ho ma onipa botow,

nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den.

Ɔtreneeni wɔ ntoboase wɔ ayɔnkofa mu,

nanso amumɔyɛfo kwan ma wɔfom.

Onihawfo ntoto ne hanam,

nanso nsiyɛfo ahonyade som bo ma wɔn.

Read More of Mmebusɛm 12