Mmebusɛm 11:19-28 AKCB

Mmebusɛm 11:19-28

Nea ɔyɛ nokware treneeni no nya nkwa,

nanso nea ɔkɔ so yɛ bɔne no kɔ owu mu.

Awurade kyi nnipa a wɔn koma akyea,

na nʼani gye wɔn a wɔn akwan ho nni asɛm no ho.

Gye to mu sɛ, amumɔyɛfo benya wɔn akatua,

na atreneefo benya wɔn ti adidi mu.

Ɔbea hoɔfɛfo a ontumi nsi gyinae no

te sɛ sika kaa a ɛhyɛ prako hwene mu.

Atreneefo apɛde wie yiye,

nanso amumɔyɛfo anidaso wie abufuwhyew.

Obi yɛ adɔe, na onya ne ho bebree;

obi nso yɛ pɛpɛe, nanso ehia no.

Ɔyamyefo bɛkɔ so anya ne ho;

na nea ɔma ebinom mee no nso bɛmee.

Nnipa dome nea ɔde atoko sie,

na nhyira ba nea ɔtɔn ne de so.

Nea ɔhwehwɛ papa akyi kwan no nya anisɔ,

na nea ɔhwehwɛ bɔne no, bɔne ba ne so.

Nea ɔde ne ho to nʼahonyade so no bɛhwe ase,

na ɔtreneeni bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahabammono.

Read More of Mmebusɛm 11