Mmebusɛm 10:31-32, Mmebusɛm 11:1-8 AKCB

Mmebusɛm 10:31-32

Nyansa fi ɔtreneeni anom ba

nanso tɛkrɛma a ɛdaadaa no, wobetwa akyene.

Ɔtreneeni ano nim ade a ɛfata

na omumɔyɛfo ano nim nea ɛyɛ nnaadaasɛm nko ara.

Read More of Mmebusɛm 10

Mmebusɛm 11:1-8

Awurade kyi asisi nsania,

na nʼani gye nokware nkaribo ho.

Ahantan ba a, animguase na edi so,

nanso ahobrɛase de nyansa ba.

Teefo nokwaredi kyerɛ wɔn kwan;

nanso nkontompofo ano ntanta sɛe wɔn.

Ahonya nka hwee wɔ abufuwhyew da no,

nanso trenee gye nkwa fi owu mu.

Wɔn a wonni bɔne no trenee bɔ kwan tee ma wɔn,

nanso amumɔyɛfo amumɔyɛsɛm brɛ wɔn ase.

Pɛyɛfo treneeyɛ gye wɔn,

nanso akɔnnɔ bɔne afiri yi nkontompofo.

Sɛ omumɔyɛfo wu a, nʼanidaso yera;

nea osusuw sɛ obenya afi ne tumi mu nyinaa no yɛ ɔkwa.

Wogye ɔtreneeni fi amane mu,

na ɛba omumɔyɛfo so mmom.

Read More of Mmebusɛm 11