Mmebusɛm 10:11-20 AKCB

Mmebusɛm 10:11-20

Ɔtreneeni anom yɛ nkwa asuti,

na akakabensɛm ayɛ omumɔyɛfo anom ma.

Ɔtan kanyan mpaapaemu,

nanso ɔdɔ kata mfomso nyinaa so.

Wohu nyansa wɔ nhumufo anom,

na abaa fata nea onni adwene akyi.

Anyansafo kora nimdeɛ,

nanso ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛe.

Adefo ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban,

nanso ahiafo hia yɛ wɔn asehwe.

Atreneefo akatua de nkwa brɛ wɔn,

na nea amumɔyɛfo nya no de asotwe brɛ wɔn.

Nea otie ntetew pa no kyerɛ nkwa kwan,

na nea ɔpo nteɛso no di afoforo anim yera kwan.

Nea ɔkata nitan so no yɛ ɔtorofo,

na nea odi nseku no yɛ ɔkwasea.

Mfomso mpa ɔkasa bebree mu,

na nea ɔkora ne tɛkrɛma no yɛ onyansafo.

Ɔtreneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ ankasa

nanso omumɔyɛfo koma nni bo.

Read More of Mmebusɛm 10