Filipifo 1:27-30, Filipifo 2:1-11 AKCB

Filipifo 1:27-30

Mprempren, ade a ɛho hia me ne sɛ biribiara a ɛbɛto mo no, momma mo abrabɔ mfata Kristo Asɛmpa no nko ara, sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ yehyia o, sɛ yɛanhyia o, mɛte mo ho asɛm pa sɛ mugyina pintinn na mukura botae koro ne gyidi koro wɔ Asɛmpa no ho. Munnsuro mo atamfo. Biribiara a mobɛyɛ no, momfa akokoduru nnyina pintinn. Na eyi bedi adanse sɛ wobedi nkogu na moadi nkonim, efisɛ Onyankopɔn ka mo ho. Na mo de, ɛnyɛ sɛ wɔadom mo sɛ munni Kristo akyi nko, na mmom sɛ mubehu amane nso. Afei mubetumi ne me abɔ mu ako ɔko a mereko no. Saa ɔko yi na bere a atwa mu no, mekoe na migu so reko sɛnea mote no.

Read More of Filipifo 1

Filipifo 2:1-11

Kristo Ahobrɛase

Mo nkwa a mowɔ wɔ Kristo mu no hyɛ mo den ana? Ne dɔ kyekye mo werɛ ana? Mo ne Honhom no wɔ ayɔnkofa bi ana? Mowɔ ayamye ne ayamhyehye ma mo ho mo ho ana? Sɛ ɛte saa de a, ɛno de, munnya adwene koro wɔ ɔdɔ ne Honhom ne botae koro mu, na mʼanigye awie pɛyɛ. Monnyɛ pɛsɛmenkominya; monnhoahoa mo ho mfa mpɛ anuonyam hunu. Mommrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho na mummu mo yɔnkonom nsen mo ankasa mo ho. Mommma obiara nhwɛ ne nko ara nʼade nko, na mmom onsusuw ne mfɛfo nso de ho bi.

Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ sɛ Yesu Kristo de no bi.

Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu de,

nanso wanhwɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ.

Ɔdan ne tumi kɛse ne nʼanuonyam too nkyɛn.

Mmom, ofii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so,

baa sɛ onipa bɛyɛɛ nʼade sɛ onipa.

Ɔbrɛɛ ne ho ase,

yɛɛ osetie

de koduu owu mu,

asennua ho wu mu mpo.

Eyi nti Onyankopɔn maa ne so kɔɔ baabi a ɛkorɔn koraa,

maa no din a edi din nyinaa so.

Na ɛno nti sɛ wɔbɔ Yesu din a,

ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa bɛkotow no.

Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka se,

Yesu Kristo ne Awurade,

de ahyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.

Read More of Filipifo 2