4 Mose 5:11-31, 4 Mose 6:1-27 AKCB

4 Mose 5:11-31

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, sɛ ɔbarima bi yere kɔbɔ aguaman nanso onhu asɛm no mu nokware na onya ɔdanseni na ɔtwe ho ninkunu na ɔnte ne ho ase a, ɔbarima no de ne yere no bɛkɔ ɔsɔfo anim a ɔbea no ho afɔrebɔde a ɛyɛ atokosiam a wɔmfaa ohuam ngo mfrae lita abien ka ho. Efisɛ ɛyɛ ninkutwe afɔrebɔ. Ɛno na ɛbɛma nokware ada adi ama wɔahu sɛ ɔbea no di fɔ anaa odi bem.

“Ɔsɔfo no de ɔbea no bɛba Awurade anim, na wasaw Ahyiae Ntamadan no mu mfutuma de afra nsu kronkron5.17 Nsu kronkron ne mfutuma a wɔde afra no kyerɛ atɛntrenee a wobebu nnebɔneyɛfo no. a egu asuhina kɛse bi mu no. Ɔbɛsan ne ti a wakyekyere no na ɔde ninkunu afɔrebɔde no agu ne nsam de ahwɛ sɛ ɔbarima no nsusuwii no yɛ nokware ampa ara anaasɛ ɛnyɛ nokware. Ɔsɔfo no begyina nʼanim a okura nsu nwenweenwen a ɛde mmusu ba no. Ɔbɛma no aka ntam sɛ onnim asɛm no ho hwee na waka akyerɛ no se, sɛ wo ne ɔbarima biara nnae ka wo kunu nko ara ho de a, ɛno de, wo ho ntew mfi nsu nwenweenwen a ɛde mmusu ba yi ho. Na sɛ woabɔ aguaman a, ɛno de, Awurade bɛdome wo wɔ wo nkurɔfo mu. Ɔbɛma wo srɛ aporɔw na wo yafunu ahon. Na ɔbea no bɛka se, ‘Yiw, saa na ɛsɛ sɛ ɛba.’

“Ɔsɔfo no bɛkyerɛw nnome yi nyinaa agu nhoma bi mu na wahohoro agu nsu nwenweenwen no mu. Sɛ ɛsɛ sɛ ɔbea no nom nsu no na sɛ ɔnom wɔ bere a wayɛ bɔne a, ɛyɛ nwenweenwen wɔ ne mu. Afei, ɔsɔfo no begye ninkunu afɔrebɔde no afi ɔbea no nsam na wahinhim wɔ Awurade anim na ɔde akɔ afɔremuka no so. Ɔbɛsaw ne nsa ma de asi ne nyinaa anan na wahyew no wɔ afɔremuka no so na wama ɔbea no anom nsu no. Sɛ ne ho agu fi na wabɔ aguaman atia ne kunu a, nsu a wanom no bɛyɛ nwenweenwen wɔ ne mu na ne yafunu ahon na ne srɛ aporɔw na wayɛ nnome wɔ ne nkurɔfo mu. Sɛ ɔyɛ kronkron a ɔmmɔɔ aguaman a, wɔrenhaw no, na ɛrenkyɛ, obenyinsɛn.

“Eyi ne mmara a ɛfa ɔbea a ne bra nye na ne kunu twe ne ho ninkunu de hwehwɛ mu hu sɛ odi ne kunu nokware anaa onni no nokware no ho. Ɔde no bɛba Awurade anim na ɔsɔfo no adi dwuma a wɔabobɔ so no nyinaa. Wɔrenni ne kunu no asɛm wɔ baabiara sɛ wama ɔyare bɔne bi aba ne yere so, efisɛ ɛyɛ ɔno ara na ɔma ɛbaa saa.”

Read More of 4 Mose 5

4 Mose 6:1-27

Ahotuafo Mmara

Awurade san ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, sɛ ɔbarima anaa ɔbea kɔyɛ Nasareni de tew ne ho wɔ Awurade anim a, ɛno akyi, saa bere a ɔwɔ ahotew no mu no, onni ho kwan sɛ ɔnom nsa a ɛyɛ den anaa bobesa anaa nsa a emu kaw. Saa bere no mu no, onni ho kwan sɛ odi biribiara a efi bobe mu, sɛ ɛyɛ nʼaba anaa ne hono.

“Saa bere no mu no, ɛnsɛ sɛ oyi ne tinwi, efisɛ ɔyɛ kronkron na wɔatew ne ho ama Awurade; ɛno nti na ɛsɛ sɛ ɔma ne tinwi fuw no.

“Ne bɔhyɛ no nna no mu a watew ne ho ama Awurade no, onni ho kwan sɛ ɔkɔ owufo ho. Sɛ owufo no yɛ nʼagya, ne na, ne nuabarima anaa ne nuabea koraa a, ɔnnkɔ ne ho, efisɛ ɔda so hyɛ ne bɔ a ɔhyɛ de tew ne ho maa Onyankopɔn no ase. Saa bere no mu nyinaa, wɔatew ne ho ama Awurade.

“Sɛ obi wu tɔ ne nkyɛn de gu ne ho fi a, nnanson akyi no, ɛsɛ sɛ oyi ne tinwi a ɛho agu fi no. Afei, wobedwira ne ho afi fi a owufo no de aka no no ho. Nʼadekyee a ɛyɛ da a ɛto so awotwe no, ɛsɛ sɛ ɔde nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien brɛ ɔsɔfo wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Ɔsɔfo no de nnomaa no mu baako bɛbɔ bɔne ho afɔre na ɔde ɔbaako abɔ ɔhyew afɔre, na ayɛ mpata ama nea ne ho agu fi no. Na da no ara, ɛsɛ sɛ oti ne bɔhyɛ mu na ɔsan ma ne tinwi no fuw bio. Nna dodow a odii wɔ ne bɔhyɛ a edi kan no mu no nyinaa ahyew agu. Ɔbɛhyɛ Awurade bɔ foforo de afi ase, na ɔde odwennini ba a wadi afe bɛba abɛbɔ afɔdi ho afɔre.

“Da a ne bɔhyɛ a ɛtew ɔno ne Awurade ntam no wie du no, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Ahyiae Ntamadan no ano. Ɛhɔ na ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre ama Awurade. Ɔde oguan ba a wadi afe a onnii dɛm na ɛbɛbɔ saa afɔre no. Ɛsɛ sɛ ɔde oguammere a wadi afe a onnii dɛm bɔ bɔne ho afɔre na ɔde odwennini a onnii dɛm bɔ asomdwoe afɔre. Nneɛma a ɔde bɛka ho no ne brodo a mmɔkaw mfra mu, asikresiam tetare a wɔde ngo afra; brodo ntrantraa bi a mmɔkaw mfra mu a wɔde ngo ayɛ so a aduan ne nsa afɔrebɔde ka ho.

“Ɛsɛ sɛ Ɔsɔfo no de saa afɔrebɔde yi nyinaa ba Awurade anim na wabɛbɔ bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre. Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini a wɔde no bɛbɔ asomdwoe afɔre a brodo kɛntɛnma a mmɔkaw nni mu nso ka ho na ɔde abɛbɔ aduan ne nsa afɔre.

“Afei, ɔhotuafo no beyi ne tinwi a afuw kuhaa no; ɛno ne nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔnhyɛ bɔhyɛ no ase bio. Wɔbɛyɛ eyi wɔ Ahyiae Ntamadan no ano, na wɔde nwi no agu asomdwoe afɔre a wɔrebɔ no wɔ gya mu no ahyew no.

“Wɔayi ɔbarima no tinwi no awie no, ɔsɔfo no de odwennini no basa a wɔatoto tetare a mmɔkaw nni mu no baako ne brodo ntrantraa a mmɔkaw nni mu bɛhyɛ ɔbarima no nsam. Ɔsɔfo no behim akɔ nʼanim aba nʼakyi wɔ Awurade anim a ɛkyerɛ ma a ɔde rema Awurade. Ne nyinaa yɛ kyɛfa a ɛho tew ma ɔsɔfo no. Wɔbɛyɛ no sɛnea wɔyɛ odwennini no basa mu mfe mparow a wohim no wɔ Awurade anim no. Eyi akyi no, ɔhotuafo no tumi nom bobesa a ɛkyerɛ sɛ wɔayi no afi ne bɔhyɛ no mu.

“Eyinom ne mmara a ɛda hɔ ma Nasareni a wahyɛ nʼahofama ho bɔ awie, na ɔde afɔrebɔ ahorow brɛ Awurade. Saa afɔrebɔ yi akyi no, otumi de afɔrebɔde biara a ɔrebɛyɛ Nasareni no, ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛba no ba.”

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima no se, ɛsɛ sɛ wohyira Israelfo yi sononko sɛ:

“ ‘Awurade nhyira mo

na ɔnhwɛ mo so.

Awurade ntew nʼanim nkyerɛ mo

na ɔnnom mo.

Awurade mma nʼani so nhwɛ mo

na ɔmma mo asomdwoe.’

“Saa na ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mmabarima hyira Israelfo, na mʼankasa nso mehyira wɔn.”

Read More of 4 Mose 6