4 Mose 23:27-30, 4 Mose 24:1-25, 4 Mose 25:1-18 AKCB

4 Mose 23:27-30

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Abiɛsa

Afei, Balak ka kyerɛɛ Balaam se, “Bra mma memfa wo nkɔ baabi foforo. Ebia, ɛhɔ bɛyɛ anisɔ ama Onyankopɔn sɛ wubegyina hɔ adome wɔn.” Na Balak faa Balaam de no kɔɔ bepɔw Peor a ani kyerɛ nweatam no atifi pɛɛ no so.

Bio, Balaam kae se, “Si afɔremuka ason na siesie anantwinini ason ne adwennini ason ma me.” Balak yɛɛ nea Balaam kae no, enti ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka no biara so.

Read More of 4 Mose 23

4 Mose 24:1-25

Afei, Balaam huu sɛ ɛsɔ Awurade ani sɛ ohyira Israel no, wankɔ abisa sɛnea ɔtaa yɛ no; mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ sare no so. Bere a Balaam huu sɛ Israelfo no abobɔ wɔn atenae sɛnea wɔn mmusuakuw te no, Onyankopɔn honhom baa ne so, na eyi ne nkɔmhyɛ a ɔmae:

“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ,

nkɔmhyɛ a efi obi a nʼani hu ade yiye,

nea ɔte Onyankopɔn nsɛm nkɔmhyɛ;

nea onya anisoadehu a efi Otumfo no hɔ;

na ɔda fam, a nʼani hu ade:

“Yakob, mo ntamadan yɛ fɛ,

Israel, mo atenae yɛ ahomeka!

“Ɛtrɛtrɛw sɛ abon,

sɛ nturo a ɛwɔ asubɔnten ho.

Wɔte sɛ pɛprɛ a Awurade adua,

te sɛ sida a esisi nsu ho.

Nsu bɛsen afi wɔn ahina mu.

Wɔn aba benya nsu ama aboro so.

“Wɔn hene bɛyɛ kɛse asen Agag;

wɔn ahenni bɛkorɔn.

“Onyankopɔn de wɔn fii Misraim na ɛbae;

wɔwɔ ahoɔden sɛ wuram nantwi.

Wɔsɛe atirimɔdenfo aman

na wobubu wɔn nnompe mu asinasin,

wɔde wɔn bɛmma wowɔ wɔn.

Wobutuw da sɛ gyata;

te sɛ gyatabere, hena na obetumi agyigye wɔn?

“Wobehyira wɔn a wohyira wo,

na wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo.”

Balak bo fuw Balaam. Ɔbɔɔ ne nsam guu ne so kae se, “Mefrɛɛ wo se bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mprɛnsa yi nyinaa. Fi ha kɔ wo nkyi ntɛm! Mekae se mɛkyɛ wo ade a ɛsom bo nanso, Awurade amma woannya akyɛde no.”

Balaam buaa no se, “So manka ankyerɛ abɔfo a wosomaa wɔn baa me nkyɛn no se, ‘Sɛ Balak ma me dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛwɔ nʼahemfi hɔ nyinaa koraa a, minni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia Awurade ahyɛde, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’ Mmom nea Awurade aka no nko ara na ɛsɛ sɛ meka. Afei, meresan akɔ me nkurɔfo nkyɛn. Nanso ma menka nea Israelfo no bɛyɛ wo nkurɔfo no daakye no nkyerɛ wo.”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Anan

Eyi ne nkɔmhyɛ a Balaam de mae:

“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ,

nkɔmhyɛ a efi ɔbarima a nʼani hu ade yiye,

nea ɔte Onyankopɔn nsɛm no nkɔmhyɛ,

nea ɔwɔ nimdeɛ a efi Ɔsorosoroni no hɔ,

nea onya anisoadehu a efi Otumfo no hɔ,

na ɔda fam, a nʼani hu ade no:

“Mihu no, nanso ɛnyɛ mprempren;

mehwɛ no, nanso ɔmmɛn.

Nsoromma bepue afi Yakob mu;

ahempema bepue afi Israel mu.

Ɔbɛdwerɛw Moabfo ti,

Moabfo nyinaa tikora.

Wɔbɛfa Edom,24.18 Edomfo yɛ Esau asefo.

na Seir a ɔyɛ ne tamfo no, wobedi ne so nkonim,

na Israel bɛkɔ so ayɛ den.

Ɔhene bi bɛsɔre wɔ Yakob mu

ɔno na ɔbɛsɛe kurow no mu nkaefo.”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Anum

Afei, Balaam hwɛɛ Amalekfo na ɔhyɛɛ nkɔm:

“Amalek na na ɔyɛ aman nyinaa abakan,

nanso nʼawiei bɛyɛ ɔsɛe pasaa.”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Asia

Afei, ohuu Kenifo, na ɔhyɛɛ ne nkɔm:

“Mo atenae wɔ bammɔ,

wɔanwen mo berebuw wɔ abotan mu;

Nanso wɔbɛsɛe mo Kenifo

bere a Asur fa mo nnommum no.”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Ason

Afei ɔhyɛɛ ne nkɔm:

“Aa! Sɛ Onyankopɔn yɛ sɛɛ a, hena na ɔbɛtena nkwa mu?

Ahyɛn befi Kipro mpoano aba;

wobedi Eber24.24 Eber asefo yɛ Hebrifo (1 Be 25–27). ne Asur so.

Nanso wɔn nso, wɔbɛsɛe wɔn pasaa.”

Afei, Balaam sɔree na ɔsan kɔɔ ne kurom, na Balak nso kɔɔ ne kwan.

Read More of 4 Mose 24

4 Mose 25:1-18

Moabfo Daadaa Israelfo

Bere a Israelfo no tenaa Sitim no, wɔn mu mmarima no bi fii ase ne Moab mmea no bɔɔ aguaman de guu wɔn ho fi. Saa mmea yi too nsa frɛɛ wɔn ma wɔkɔbɔɔ afɔre maa wɔn anyame. Wodii Moabfo anyame so afɔrebɔ nnuan na wɔkotow wɔn nso. Enti Baal a ɛwɔ Peor no som bɛyɛɛ ɔhyɛ maa Israelfo. Eyi maa Awurade bo fuw ne nkurɔfo no yiye.

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Fa saa nnipa yi ntuanofo no nyinaa, kunkum wɔn na fa wɔn gu owia so wɔ Awurade anim sɛnea ɛbɛyɛ a, nʼabufuwhyew no befi Israel so.”

Enti Mose ka kyerɛɛ Israel atemmufo no no se, “Ɛsɛ sɛ mo mu biara kunkum mo nkurɔfo a wɔde wɔn ho akɔhyɛ Baal a ɛwɔ Peor no ase no nyinaa.”

Na Israelni bi de Midiani bea bi baa wɔn atenae hɔ maa Mose ne nnipa no nyinaa huu wɔn bere a na wogyinagyina Ahyiae Ntamadan pon no ano retwa adwo no. Bere a Pinehas a ɔyɛ Eleasar babarima a na ɔyɛ ɔsɔfo Aaron nena huu eyi no, ofii wɔn mu, kɔfaa peaw kitae; na odii Israelni no akyi kɔɔ ntamadan no mu. Ɔde peaw no wɔɔ ɔbarima no san de wɔɔ ɔbea no yafunu mu. Enti ɔyaredɔm a na aba Israelfo no so no to twae; nanso saa bere no, na nnipa mpem aduonu anan (24,000) awuwu dedaw.

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Eleasar babarima Pinehas a ɔyɛ ɔsɔfo Aaron nena ayi mʼabufuw afi Israelfo no so. Esiane sɛ wako apere mʼanuonyam wɔ wɔn mu sɛnea mepɛ ayɛ no nti, sɛnea meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛsɛe Israelfo no, magyae. Enti ka kyerɛ no se, me ne no rebɛyɛ asomdwoe apam. Saa apam yi mu, ɔno ne nʼasefo bɛyɛ asɔfo afebɔɔ, efisɛ watwe me ho ninkunu wɔ Israelfo mu de ayɛ mpata ama wɔn.”

Ɔbarima a wokum no ne Midiani bea no, na ne din de Simri a na ɔyɛ Salu a otua Simeon abusuakuw ano no babarima. Ɔbea no nso, na ne din de Kosbi a na ɔyɛ Midianhene babarima Sur babea.

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Tow hyɛ Midianfo no so sɛ atamfo na kunkum wɔn. Efisɛ wɔfaa mo sɛ atamfo, na wɔdaadaa mo ma mo som Baal a ɛwɔ Peor, ne Kosbi a ɔyɛ Midian ntuanoni babea, a wokum no wɔ Peor ɔyaredɔm da no.”

Read More of 4 Mose 25