4 Mose 22:21-41, 4 Mose 23:1-26 AKCB

4 Mose 22:21-41

Ade kyee anɔpa no, ɔhyehyɛɛ nʼafurum, tenaa ne so ne Moab mpanyimfo no sii mu. Nanso, Onyankopɔn bo fuw Balaam ahopere a ɔde kɔe no; enti ɔsomaa Awurade bɔfo ma ogyinaa akwantemfi sɛ onsiw no kwan. Na Balaam te nʼafurum so a nʼasomfo baanu ka ne ho. Afurum no huu Awurade bɔfo no sɛ okura afoa gyina kwan no mfimfini no, ɔman faa wuram. Balaam hwee no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛfa ɔkwan no so.

Na Awurade ɔbɔfo no gyina ɔkwan hiahiaa bi a ɛwɔ bobeturo afasu abien ntam. Bere a afurum no huu Awurade bɔfo no, otwerii ɔfasu no ho maa Balaam nan pemee. Enti Balaam san hwee aboa no.

Afei, Awurade bɔfo no kɔɔ nʼanim kogyinaa baabi a ɛhɔ kyere pa ara a na afurum no nnya baabi nnan ne ho mfa nifa anaa benkum. Enti obutuw ɔkwan no mu. Balaam bo fuw yiye ma ɔde abaa no hwee no. Afei, Awurade buee afurum no ano, na obisaa Balaam se, “Mayɛ wo dɛn na nti a wohwe me mprɛnsa saa?”

Balaam nso buaa no se, “Woama mayɛ ɔkwasea! Na sɛ mikura afoa a, anka mekum wo mprempren.”

Afurum no nso bisaa no se, “Menyɛ wʼafurum a woatena me so daa de abesi nnɛ? So mayɛ sɛɛ pɛn?”

Obuae se, “Dabi.”

Afei, Awurade buee Balaam ani ma ohuu ɔsoro bɔfo no sɛ watwe afoa gyina ɔkwan no mfimfini. Enti ɔde nʼanim butuw fam.

Awurade bɔfo no bisaa no se, “Adɛn nti na woahwe wʼafurum no mprɛnsa saa? Maba sɛ merebesiw wo kwan, efisɛ wʼakwan mu no wunni ahwɛyie wɔ mʼanim. Afurum no huu me a ɔman faa nkyɛn mprɛnsa. Sɛ wamman a, anka mekum wo na magyaa no.”

Balaam ka kyerɛɛ Awurade bɔfo no se, “Mafom. Na minnim sɛ wugyina ɔkwan no mu a worebesiw me kwan. Sɛ wʼani nnye ho a mɛsan akɔ.”

Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Wo ne nnipa no nkɔ, nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo no nko ara na ka.” Enti Balaam ne Balak mpanyimfo no kɔe.

Bere a Balak tee sɛ Balaam reba no, ofii kurow no mu kohyiaa no wɔ Moabfo kurow mu wɔ Arnon hye so, wɔ nʼasase ano. Balak bisaa Balaam se, “Mamfrɛ wo ɔhare so ana? Adɛn nti na woamma me nkyɛn? So merentumi ntua wo ka ana?”

Balaam buae se, “Ɛwɔ mu sɛ maba de, nanso merentumi nka nea mepɛ biara. Asɛm a Onyankopɔn de bɛhyɛ mʼano no nko ara na ɛsɛ sɛ meka.”

Balaam kaa Balak ho ne no kɔɔ Kiria-Husot. Balak kum anantwi ne nguan bɔɔ afɔre na ɔde mmoa no bi maa Balaam ne ne mpanyimfo a wɔka ne ho. Ade kyee anɔpa no, Balak faa Balaam de no kɔɔ Bamot-Baal atifi. Ofi hɔ too nʼani huu sɛ Israelfo no sam wɔn atenae hɔ.

Read More of 4 Mose 22

4 Mose 23:1-26

Balaam Nkɔmhyɛ A Edi Kan

Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Si afɔremuka ason wɔ ha, na siesie anantwinini ason ne adwennini ason ma me.” Balak yɛɛ sɛnea Balaam kae no, na wɔn baanu no de nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔremuka no biara so afɔre.

Afei Balaam ka kyerɛɛ Balak se, “Tena wʼafɔre no ho na merekɔ nkyɛn. Ebia na Awurade bɛba abehyia me, na nea ɔbɛda no adi akyerɛ me biara no mɛka akyerɛ wo.” Enti, ɔforo kɔɔ sorosoro baabi a ɛhɔ yɛ petee.

Ɛhɔ na Onyankopɔn hyiaa no ma ɔkae se, “Masiesie afɔremuka ason, na mede nantwinini ne odwennini abɔ afɔre wɔ biara so.”

Awurade de asɛm hyɛɛ Balaam anom se, “San kɔ Balak nkyɛn na kɔka asɛm yi kyerɛ no.”

Ɔsan bae no ɔbɛtoo no sɛ ɔne Moab mpanyimfo no nyinaa gyinagyina afɔre no ho. Na Balaam hyɛɛ ne nkɔm:

“Balak soma bɛfrɛɛ me fii Aram,

Moabhene frɛɛ me fii apuei fam nkoko so.

Ɔkae se, ‘Bra bɛdome Yakob ma me;

bra bɛka mmususɛm gu Israel so.’

Ɛbɛyɛ dɛn na matumi adome

wɔn a Onyankopɔn nnome ɛ?

Ɛbɛyɛ dɛn na matumi aka mmususɛm agu

wɔn a Awurade mmuu wɔn fɔ so?

Mihu wɔn fi ɔbotan atifi;

mehwɛ wɔn fi nkoko so.

Mihu nnipa a wɔatew wɔn ho

a wommu wɔn ho sɛ wɔyɛ aman no bi mu nnipa.

Hena na obetumi akan Yakob mfutuma,

anaa ɔbɛkan Israelfo nkyemu anan mu baako?

Ma minwu atreneefo wu,

na mʼawiei nyɛ sɛ wɔn de.”

Balak bisaa Balaam se, “Dɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mmom!”

Obuae se, “So ɛnsɛ sɛ meka nea Awurade de ahyɛ mʼano no ana?”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Abien

Afei, Balak ka kyerɛɛ no se, “Bra na yɛnkɔ baabi foforo a yebehu wɔn; worenhu wɔn nyinaa, gye wɔn atenae no nkyɛn nkyɛn. Gyina hɔ na dome wɔn ma me.” Enti ɔde no kɔɔ Sofim bepɔw Pisga atifi. Osii afɔremuka ason wɔ hɔ na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔre afɔre wɔ afɔremuka biara so.

Balaam ka kyerɛɛ Balak se, “Tena wʼafɔre no ho wɔ ha na me nso merekohyia Awuradewɔ hɔ.”

Awurade hyiaa Balaam na ɔde asɛm hyɛɛ nʼanom se, “San kɔ Balak hɔ na kɔka asɛm yi kyerɛ no.”

Enti ɔsan ba bɛtoo no no sɛ ogyina nʼafɔre no ho a Moab mpanyimfo no ka ne ho. Balak bisae se, “Awurade aka dɛn?”

Na ɔhyɛɛ ne nkɔm:

“Balak, sɔre na tie;

Sipor babarima tie me.

Onyankopɔn nyɛ onipa na wadi atoro;

Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.

Ɔka asɛm a ɔnyɛ ana?

Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so ana?

Wɔahyɛ me sɛ minhyira;

wahyira, na merentumi nnan ani!

“Wonhu ɔyawdi bi wɔ Yakob mu,

wonhuu awerɛhowdi biara wɔ Israel mu.

Awurade, wɔn Nyankopɔn ka wɔn ho;

Ɔhene ka wɔn ho!

Onyankopɔn yii wɔn fii Misraim;

ɔte sɛ nantwi hoɔdenfo ma wɔn.

Nnome biara mmaa Yakob so ɛ,

mmusu biara nni Israel so.

Afei, wɔbɛka afa Yakob

ne Israel ho se, ‘Hwɛ nea Onyankopɔn ayɛ!’

Nnipa no sɔre sɛ gyatabere.

Wɔwosow wɔn ho sɛ gyata

a onnye nʼahome de kosi sɛ ɔbɛtetew nea wakyere no no nam pasaa

na ɔnom nea wakyere no no mogya.”

Na Balak ka kyerɛɛ Balaam se, “Sɛ worennome wɔn a, ɛno de nhyira wɔn koraa.”

Balaam buaa no se, “Manka ankyerɛ wo se nea Awurade bɛka biara na mɛyɛ ana?”

Read More of 4 Mose 23