4 Mose 1:1-54, 4 Mose 2:1-9 AKCB

4 Mose 1:1-54

Nnipakan

Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Ahyiae Ntamadan a ɛwɔ Sinai nweatam so. Eyi sii wɔ mfe abien a Israelfo fii Misraim no akyi, ɔsram a ɛto so abien no da a edi kan. Ɔkae se: “Gyina Israelfo no mmusuakuw ne wɔn mmusua so kan wɔn nyinaa. Kyerɛw ɔbarima biara din. Wo ne Aaron na mobɛkan mmarima a wɔadi mfe aduonu no ne nea ɛboro saa a wotumi kɔ ɔsa. Ɔbarima a ofi abusuakuw biara mu a ɔyɛ ntuanoni na ɛsɛ sɛ ɔboa mo.

“Mmarima a wɔbɛboa mo no din ni:

“Ruben abusuakuw no ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur;

Simeon abusuakuw no ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel;

Yuda abusuakuw no ntuanoni ne Aminadab babarima Nahson;

Isakar abusuakuw no ntuanoni ne Suar babarima Netanel;

Sebulon abusuakuw no ntuanoni ne Helon babarima Eliab;

Yosef mmabarima no:

Efraim abusuakuw no ntuanoni ne Amihud babarima Elisama;

Manase abusuakuw no ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel;

Benyamin abusuakuw ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan;

Dan abusuakuw ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser;

Aser abusuakuw ntuanoni ne Okran babarima Pagiel;

Gad abusuakuw ntuanoni ne Deguel babarima Eliasaf;

Naftali abusuakuw ntuanoni ne Enan babarima Ahira.”

Eyinom ne mmarima a woyii wɔn fii nnipa no mu, a wɔyɛ wɔn agyanom mmusua no ntuanofo.

Mose ne Aaron faa saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi, na da a edi kan wɔ ɔsram a ɛto so abien no mu no, wɔfrɛɛ ɔmanfo no nyinaa. Nnipa no nam wɔn mmusuakuw ne wɔn mmusua so kyerɛɛ wɔn anato na wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa no din mmaako mmaako, sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. Enti ɔkan wɔn wɔ Sinai sare so.

Ruben a ɔyɛ Israel abakan asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wotumi kɔ ɔsa no, wɔkyerɛw wɔn din mmaako mmaako sɛnea wɔn mmusua te. Nnipa dodow a wofi Ruben abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan asia ne ahannum (46,500).

Simeon asefo:

Mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no, wɔkyerɛw wɔn din mmaako mmaako sɛnea wɔn mmusua te. Nnipa dodow a wofi Simeon abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum akron ne ahaasa (59,300).

Gad asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. Nnipa dodow a wofi Gad abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan anum ahansia ne aduonum (45,650).

Yuda asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. Nnipa dodow a wofi Yuda abusuakuw no mu no yɛ mpem aduɔson anan ne ahansia (74,600).

Isakar asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. Nnipa dodow a wofi Isakar abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum anan ne ahannan (54,400).

Sebulon asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. Nnipa dodow a wofi Sebulon abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum ason ne ahannan (57,400).

Yosef mmabarima no:

Efraim asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. Nnipa dodow a wofi Efraim abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan ne ahannum (40,500).

Manase asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. Nnipa dodow a wofi Manase abusuakuw no mu no yɛ mpem aduasa abien ne ahannu (32,200).

Benyamin asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. Nnipa dodow a wofi Benyamin abusuakuw no mu no yɛ mpem aduasa anum ne ahannan (35,400).

Dan asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. Nnipa dodow a wofi Dan abusuakuw no mu no yɛ mpem aduosia abien ne ahanson (62,700).

Aser asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. Nnipa dodow a wofi Aser abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan baako ne ahannum (41,000).

Naftali asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. Nnipa dodow a wofi Naftali abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum abiɛsa ne ahannan (53,400).

Eyinom ne mmarima a Mose ne Aaron ne Israel mmusuakuw dumien no ntuanofo kan wɔn. Israelfo a na wɔadi mfe aduonu anaa nea ɛboro saa no a wobetumi adɔm Israel asraafodɔm no nso, wogyinaa wɔn mmusua so kan wɔn. Na wɔn nyinaa dodow yɛ mpem ahansia ne abiɛsa ne ahannum aduonum (603,550).

Mmusua a wɔwɔ Lewi abusuakuw no de, wɔankan wɔn anka wɔn a aka no ho. Na Awurade aka akyerɛ Mose se, “Nkan Lewifo abusuakuw no, na mfa wɔn nka Israelfo a wɔaka no ho. Fa Ahyiae Ntamadan no ho dwumadi hyɛ Lewifo no nsa. Wɔnhwɛ nneɛma a wɔde asiesie mu ne nea ɛkeka ho nyinaa so. Wɔn na wɔbɛsoa Ahyiae Ntamadan no ne mu nneɛma, wɔbɛhwɛ so na wɔatenatena ho. Bere biara a ɛsɛ sɛ wotu Ahyiae Ntamadan no, Lewifo no na ɛsɛ sɛ wotutu, na baabiara a wɔde besi no, wɔn na wɔbɛyɛ. Onipa foforo biara a ɔbɛbɛn ho no, wobekum no. Israel abusuakuw biara benya ne tenabea ne ne frankaa. Lewifo no besisi wɔn ntamadan atwa Ahyiae Ntamadan no ho ahyia, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuwhyew remma Israelfo no so. Lewifo no na wɔbɛhwɛ Ahyiae Ntamadan no so.”

Israelfo no yɛɛ eyinom nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

Read More of 4 Mose 1

4 Mose 2:1-9

Israel Mmusuakuw Atenae Ho Nhyehyɛe

Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se: “Abusua biara benya nʼafa wɔ atenae hɔ, na kuw biara bɛtena nʼabusua frankaa ase. Na mmusua no atenae ahorow no mfimfini na wɔde Ahyiae Ntamadan no besi.”

Apuei fam,

baabi a owia pue fi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɔ wɔn atenae wɔ wɔn frankaa ase. Yudafo ntuanoni ne Aminadab ba Nahson. Na ne dɔm no ano si mpem aduɔson anan ne ahansia (74,600).

Isakar abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Suar babarima Netanel. Na ne dɔm no ano si mpem aduonum anan ne ahannan (54,400).

Sebulon abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Helon babarima Eliab. Na ne dɔm no ano si mpem aduonum ason ne ahannan (57,400).

Enti na nnipa dodow a wɔwɔ Yuda atenae no nyinaa sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha aduɔwɔtwe asia ne ahannan (186,400). Sɛ Israelfo no tu a, saa mmusuakuw abiɛsa yi na edi kan.

Read More of 4 Mose 2