Nehemia 9:38, Nehemia 10:1-39, Nehemia 11:1-21 AKCB

Nehemia 9:38

Woti Apam No Mu

“Eyinom nyinaa nti, yɛnam kurukyerɛw so rehyɛ bɔ a emu yɛ den. Saa nsɔwano krataa yi mu na yɛn ahenemma ne Lewifo ne asɔfo din wɔ.”

Read More of Nehemia 9

Nehemia 10:1-39

Nnipa a wogyee nhoma no too mu na wɔsɔw ano no ni:

Hakalia babarima Nehemia a na ɔyɛ amrado.

Asɔfo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne Sedekia, Seraia, Asaria, Yeremia,

Pashur, Amaria, Malkia,

Hatus, Sebania, Maluk,

Harim, Meremot, Obadia,

Daniel, Gineton, Baruk,

Mesulam, Abia, Miyamin,

Maasia, Bilgai ne Semaia.

Eyinom ne asɔfo no.

Lewifo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne:

Asania babarima Yesua, Binui a ofi Henadad abusua mu, Kadmiel,

ne wɔn mfɛfo Lewifo a, wɔne:

Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan,

Mika, Rehob, Hasabia,

Sakur, Serebia, Sebania,

Hodia, Bani ne Beninu.

Ntuanofo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne:

Paros, Pahat-Moab, Elam, Satu, Bani,

Buni, Asgad, Bebai,

Adoniya, Bigwai, Adin,

Ater, Hesekia, Asur,

Hodia, Hasum, Besai,

Harif, Anatot, Nebai,

Magpias, Mesulam, Hesir,

Mesesabel, Sadok, Yadua,

Pelatia, Hanan, Anaia,

Hosea, Hanania, Hasub,

Halohes, Pilha, Sobek,

Rehum, Hasabna, Maaseia,

Ahiya, Hanan, Anan,

Maluk, Harim, Baana.

“Nnipa no nkae a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, Asɔredan mu asomfo ne wɔn a wɔatwe wɔn ho afi abosonsomfo a wɔwɔ asase no so nyinaa, sɛnea wɔbɛsom Nyankopɔn, na wɔanyinyin a wɔte asɛm ase no, wɔn nyinaa fi koma pa mu kaa ntam de kyekyeree wɔn ho. Wɔkaa ntam dii nsew sɛ, sɛ wobu Onyankopɔn mmara a ɔnam ne somfo Mose so de abrɛ wɔn no so a, nnome biara a Onyankopɔn de bɛba wɔn so no, wɔpene so. Wofi koma mu hyɛɛ bɔ sɛ, wɔbɛtɔ wɔn bo adi Awurade, wɔn Wura, ahyɛde ne ne mmara nyinaa so.

Nnipa No Bɔhyɛ

“Yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛremma yɛn mmabea nware abosonsomfo a wɔwɔ asase no so, na saa ara nso na yɛremma yɛn mmabarima nso nware wɔn mmabea.

“Yɛsan hyɛ bɔ sɛ, sɛ nnipa a wɔwɔ asase no so de aguade anaa atoko ba bɛtɔn no homeda anaa da kronkron bi a, yɛrentɔ bi. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛrenyɛ adwuma biara mfe ason a ɛbɛba biara mu, na ka biara a Yudafo afoforo bi de yɛn no, yebetwa mu.

“Nea ɛka ho ne sɛ, yɛhyɛ bɔ sɛ, yebetua Asɔredan afirihyiatow a wɔahyɛ yɛn sɛ yentua a ɛyɛ dwetɛ gram anan, sɛnea ɛbɛma wɔanya sika bebree de abɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ho bra. Eyi bɛboa ama yɛanya Daa Daa Brodo, na yɛatumi abɔ atoko ne ɔhyew afɔre bere ano bere ano, abɔ homeda afɔre ahorow, adi ɔsram foforo afahyɛ ahorow ne dapɔnna ahorow no. Saa ara na ɛbɛma yɛatumi abɔ kronkronyɛ afɔre ne bɔne ho afɔre sɛ mpata ama Israel. Afei, ɛbɛboa ama yɛanya nneɛma bi a ɛho behia ama yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ho adwumayɛ.

“Yɛabɔ ntonto ahorow, ahu afe biara mu mmere a ɛfata sɛ asɔfo, Lewifo ne ɔmanfo no abusuafo de nnyansin ba Onyankopɔn asɔredan ho na wɔhyew wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn afɔremuka so, sɛnea mmara no kyerɛ no.

“Yɛhyɛ bɔ sɛ, daa yɛde otwakan biara mu kyɛfa bi, sɛ ɛyɛ asaseduan anaa aduaba a efi nnua so no, bɛba Awurade Asɔredan mu.

“Yɛpene so sɛ, yɛde yɛn mmabarima a wɔyɛ abakan ne yɛn anantwi ne yɛn nguan mmakan bɛma Onyankopɔn, sɛnea mmara no kyerɛ no. Yɛde wɔn bɛma asɔfo a wɔsom wɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan mu no.

“Yɛbɛkora nnɔbae no nyinaa wɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan adekoradan mu. Yɛde yɛn asikresiam a eye pa ara ne atoko nkae afɔrebɔde, yɛn nnuaba papa ne yɛn nsa foforo papa ne ngo bɛba. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛde yɛn nnɔbae biara a efi yɛn asase so nkyɛmu du mu baako bɛbrɛ Lewifo, efisɛ wɔn na wogyigye ntotoso du du no wɔ yɛn nkuraa. Ɔsɔfo a ɔyɛ Aaron aseni bɛka Lewifo no ho bere a wɔregyigye ntotoso du du no. Na biribiara a wobegye sɛ ntotoso du du no, Lewifo de mu nkyɛmu du mu baako bɛkɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan no mu, na wɔde akosisi adekoradan10.38 Na adekoradan bebree wɔ asɔredan no mfimfini a ɛhɔ na na wɔkora nneɛma a ɛyɛ kronkron. no mu. Ɛsɛ sɛ ɔmanfo no ne Lewifo no de afɔrebɔde a ɛyɛ atoko, nsa foforo ne ngo no begu adekorade kronkron a ɛbɛn asɔfo a wɔresom no, aponanohwɛfo ne nnwontofo no wɔ Asɔredan no mu.

“Enti yɛbɔ mu hyɛ bɔ sɛ yɛrentoto yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ase.”

Read More of Nehemia 10

Nehemia 11:1-21

Nnipa No Kɔtena Yerusalem

Afei, ɔmanfo no ntuanofo kɔtenaa Yerusalem, kuropɔn kronkron no mu. Wɔbɔɔ ntonto kronkron wɔ nnipa no a na wɔtete Yuda ne Benyamin nkurow bi no so, yii mu nkyɛmu du mu baako ma wɔn nso kɔtenaa hɔ. Na nkae no de, wɔtenaa nea wɔte hɔ ara. Na ɔmanfo no kamfoo obiara a ofi ne pɛ mu san kɔtenaa Yerusalem no.

Amantam mu mpanyimfo a wɔbaa Yerusalem no din na wɔakyerɛw wɔ ha yi. Ɔmanfo no mu fa kɛse a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afi mu wɔ Yuda nkurow ahorow so, nanso nnipa no bi a wofi Yuda ne Benyamin mu no san kɔtenaa Yerusalem.

Yuda abusuakuw mu nnipa no ni:

Usia babarima Ataia, Sakaria babarima, Amaria babarima, Sefatia babarima, Mahalalel babarima a ofi Peres abusua mu;

Baruk babarima Maaseia, Kol-Hose babarima, Hasaia babarima, Adaia babarima, Yoiarib babarima, Sakaria babarima a ofi Sela abusua mu.

Afei, na Peres asefo ahannan ne aduosia awotwe (468) a wodi mu no na na wɔte Yerusalem.

Benyamin abusuakuw no mu nnipa ni:

Mesulam babarima Salu, Yoed babarima, Pedaia babarima, Kolaia babarima, Maaseia babarima, Itiel babarima ne Yesaia babarima; na nʼakyi no na Gabai ne Salai, ne abusuafo ahankron aduonu awotwe (928) ba.

Wɔn panyin pa ara no ne Sikri babarima Yoel na Hasenua, a ɔyɛ kuropɔn no sohwɛfo abediakyiri babarima Yuda boaa no.

Asɔfo no mu nnipa ni:

Yoiarib babarima Yedaia; Yakin;

ne Hilkia babarima Seraia, Mesulam babarima, Sadok babarima, Meraiot babarima ne Ahitub a na ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no sohwɛfo babarima, ne wɔn mfɛfo ahanwɔtwe aduonu abien (822) a, na wɔyɛ adwuma wɔ Asɔredan no mu, ne Yeroham babarima Adaia, Pelalia babarima, Amsi babarima, Sakaria babarima, Pashur babarima, Malkia babarima ne ne mfɛfo ahannu aduanan abien (242) a wɔyɛ wɔn mmusua ntuanofo. Wɔn a na wɔka ho nso ne Asarel babarima Amasai, Ahsai babarima, Mesilemot babarima, Imer babarima ne ne mfɛfo atitiriw ɔha aduonu awotwe (128). Wɔn panyin pa ara a otua wɔn ano no ne Hagedolim babarima Sabdiel.

Lewifo no nso ni:

Hasub babarima Semaia, Asrikam babarima, Hasabia babarima, Buni babarima;

ne Sabetai ne Yosabad a na wɔhwɛ Onyankopɔn Asɔredan no mfikyiri dwumadi so;

Mika babarima Matania, Sabdi babarima a ɔyɛ Asaf aseni a ɔde mpaebɔ buee aseda afɔre som ano;

Bakbukia a na ɔyɛ Matania abediakyiri ne Samua babarima Abda, Galal babarima, Yedutun babarima.

Na Lewifo a wɔwɔ kuropɔn kronkron no mu no nyinaa dodow si ahannu aduɔwɔtwe anan (284).

Aponanohwɛfo no ni:

Akub, Talmon ne wɔn mfɛfo ɔha aduɔson abien a (172) na wɔwɛn wɔ apon no ano.

Asɔfo a wɔaka no, Lewifo ne Israelfo nkae no tenatenaa Yudaman mu baabiara a wɔn agyapade wɔ.

Nanso Asɔredan mu asomfo no a na Siha ne Gispa da wɔn ano no de, wɔn nyinaa kɔtenaa Ofel koko so.

Read More of Nehemia 11