Mateo 9:14-38 AKCB

Mateo 9:14-38

Mmuadadi Ho Asɛmmisa

Da bi Osuboni Yohane asuafo baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn nti na wʼasuafo no nni mmuada, sɛnea yɛne Farisifo di mmuada no?”

Yesu buaa wɔn se, “Mugye di sɛ, sɛ ayeforokunu ne ne nnamfonom te hɔ a, ɛsɛ sɛ ne nnamfonom no werɛ how, na wobua da ana? Bere bi bɛba a wɔbɛfa me afi wɔn nkyɛn. Saa bere no na wobedi mmuada.

“Hena na ɔde ntama foforo bɛtare ntama dedaw mu? Saa ntaremu no besunsuan dedaw no mu ama tokuru kɛse abɛda hɔ. Hena na ɔde nsa foforo begu aboa nhoma nsa nkotoku dedaw mu? Sɛ ɔyɛ saa a, nsa no bɛpae nkotoku no ama nsa no ahwie agu, na nkotoku no nso asɛe. Nsa nkotoku foforo9.17 Tete no, na wɔde nsa gu mmirekyi ho nhoma nkotoku mu. Sɛ bobesa no buw a, ɛhoman ma mmoa ho nhoma kotoku no nso homan. Nanso kotoku dedaw a wɔde adi dwuma dedaw ma ahoman no, sɛ wɔde nsa foforo gu mu a, ɛbɛpae. Yesu gyina hɔ ma nneɛma foforo bi a ɛne nhyehyɛe dedaw no bɔ abira. mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gugu na amma nkotoku no ne nsa no mu biara ansɛe.”

Ɔbea Bi Ayaresa Ne Ababaa Bi Wunyan

Yesu gu so rekasa no, Yudafo panyin bi ba bɛkotow, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛ too Yesu anim se, “Me babea awu mprempren ara. Minim sɛ, sɛ woba de wo nsa bɛka no pɛ a, obenyan.” Yesu ne nʼasuafo no ne ɔpanyin no sii mu sɛ wɔrekɔ ɔpanyin no fi.

Wɔrekɔ no, ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien faa nʼakyi, soo nʼatade ano. Ɔkaa wɔ ne tirim se, “Sɛ mede me nsa ka no nko ara a, me ho bɛyɛ me den.”

Yesu dan nʼani ka kyerɛɛ no se, “Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam. Wo gyidi agye wo. Wo ho atɔ wo.” Efi saa bere no mu no, ne ho tɔɔ no.

Yesu duu ɔpanyin no fi hɔ a ohuu sɛ nkurɔfo no bi resu na ebinom reto ayiase nnwom no, ɔkae se, “Obiara mfi adi. Ababaa no nwui. Wada!” Yesu asɛm a ɔkae yi maa nnipa no serew no. Nnipa no nyinaa fii adi no, Yesu kɔɔ faako a ababaa no da hɔ no. Osoo ne nsa. Prɛko pɛ, ababaa no nyanee. Saa anwonwade a Yesu yɛe yi trɛw wɔ mpɔtam hɔ nyinaa.

Anifuraefo Baanu Bi Ayaresa

Yesu fi nea onyan ababaa no hɔ rekɔ no, anifuraefo baanu bi dii nʼakyi teɛteɛɛ mu se, “Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!”

Yesu duu fie no, anifuraefo no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn se, “Mugye di sɛ metumi ama moahu ade?”

Wobuaa no se, “Yiw, Awurade, yegye di!”

Yesu de ne nsa kaa wɔn ani kae se, “Mo gyidi nyɛ nea mohwehwɛ mma mo!” Amono mu hɔ ara na wɔn ani buebuei. Yesu bɔɔ wɔn ano se, “Monnka saa ayaresa yi ho asɛm nkyerɛ obiara.” Nanso nnipa no fii hɔ pɛ na wɔbɔɔ asɛm no dawuru.

Mum Nifuraefo Bi Ayaresa

Yesu ne nʼasuafo refi adi no, wɔde mum bi a honhommɔne wɔ ne so brɛɛ no. Yesu tuu honhommɔne no na prɛko pɛ, mum no kasae. Saa honhommɔnetu yi yɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa nwonwa ma wɔkae se, “Yenhuu saa anwonwade yi bi da wɔ Israelman mu ha!”

Farisifo no de, wɔkae se, “Ɔbonsam de honhommɔne ahyɛ no ma nti na otumi tu ahonhommɔne no.”

Adwumayɛfo No Sua

Yesu kyinkyinii nkurow so ne nkuraa ase kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ wɔn hyiadan mu. Baabiara a ɔkɔe no, ɔkaa asɛmpa no saa nyarewa ahorow bebree. Bere a Yesu huu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn efisɛ ohuu sɛ ɔhaw ahorow gu wɔn so a, wonhu nea wɔnyɛ ne nea wɔmfa a wobenya mmoa nso. Wɔte sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo. Ɛha na Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Otwa adwuma no dɔɔso, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfo bebree mmra ne twa adwuma no mu.”

Read More of Mateo 9