Mateo 7:24-29, Mateo 8:1-22 AKCB

Mateo 7:24-29

“Wɔn a wotie nea meka, na wodi so no te sɛ onyansafo a osi ne dan si ɔbotan so. Osu tɔe, na osuframa bɔe, na nsu yirii, na emu biara kaa ɔdan no nanso ammu da, efisɛ wosi sii ɔbotan so. Nanso wɔn a wotie nea meka na wonni so no te sɛ ɔkwasea bi a osii ne dan sii nwea so. Osu tɔe, na osuframa bɔe, na nsu yirii, na emu biara kaa ɔdan no. Na edwiriw guu fam, bubuu pasaa.”

Yesu asɛnka no maa nnipadɔm a wotiee no no nyinaa ho dwiriw wɔn, efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ te sɛ obi a okura tumi, na ne nkyerɛkyerɛ no nte sɛ nea Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no kyerɛ no.

Read More of Mateo 7

Mateo 8:1-22

Yesu Sa Nyarewa

Bere a Yesu sian bepɔw no, dɔm dii nʼakyi. Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotow no srɛɛ no se, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yare.”

Yesu teɛɛ ne nsa de kaa ɔkwatani no kae se, “Mɛsa wo yare. Wo ho mfi!” Amono mu hɔ ara, kwata no fii ne ho. Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na bɔ afɔre a Mose hyɛɛ sɛ wɔmmɔ sɛ adansede no.”

Yesu kɔɔ Kapernaum. Oduu hɔ no, Roma asraafo ɔha so panyin bi baa ne kyɛn bebuu no nkotodwe kae se, “Awurade, mʼabofra abubu gu hɔ a ɔrehu amane; mesrɛ wo, bɛsa no yare ma me.”

Yesu ka kyerɛɛ no se, “Mɛba abɛsa no yare.”

Asraafo ha so panyin no tee Yesu asɛm a ɔkae no, ɔkae se, “Awurade, memfata sɛ woba me fi. Ka biribi na mʼabofra no ho bɛyɛ no den. Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, na mesan wɔ asraafo a wɔhyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ ɔnkɔ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se ɔmmra a, ɔba. Saa ara nso na mehyɛ me somfo sɛ ɔnyɛ biribi a, ɔyɛ ara ne no.”

Yesu tee saa asɛm no, ɛyɛɛ no nwonwa. Ɔdan nʼani, ka kyerɛɛ nnipadɔm a wodi nʼakyi no se, “Israelman mu nyinaa, minhuu gyidi a ɛte sɛɛ da. Na mereka akyerɛ mo se, nnipa pii befi apuei ne atɔe aba na wɔne Abraham, Isak ne Yakob abɛtena ase wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Na Israelfo a wosiesiee ɔsoro ahenni maa wɔn no mu pii wɔ hɔ a wɔde wɔn nsa begu wɔn ti atwa agyaadwo na wɔatow wɔn agu sum kabii mu ama ɔyaw.”

Yesu ka kyerɛɛ asraafo so panyin no se, “Kɔ fie. Nea wugye di no mmra mu saa mma wo!” Abofra no ho tɔɔ no saa bere no ara mu!

Yesu Sa Petro Ase Yare

Yesu kɔɔ Petro fi. Ɔkɔtoo sɛ atiridii akyere Petro asebea ma ɔda hɔ. Yesu soo ne nsa mu maa atiridii no tu fii no so. Ɔsɔre noaa aduan maa wɔn.

Saa da no anwummere no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne pii brɛɛ Yesu. Nʼanom asɛm a ɔkae no maa ahonhommɔne no nyinaa tu yerae, na wɔn a wɔyare no nyinaa nso ho tɔɔ wɔn. Eyi maa nea Odiyifo Yesaia kae se,

“Ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛw,

na ɔsoaa yɛn nyarewa nyinaa” no baa mu.

Yesu Akyidi

Yesu huu sɛ dɔm no redɔɔso no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wontwa ɔtare no nkɔ nʼagya nohɔ. Ɛhɔ ara Yudani kyerɛkyerɛfo bi ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi!”

Yesu buaa no se, “Sakraman wɔ wɔn abon, wim nnomaa nso wɔ mmerebuw, nanso me, Onipa Ba no de, minni baabi a mede me ti to!”

Asuafo no mu baako bɛka kyerɛɛ no se, “Owura, ma me kwan na minkosie mʼagya ansa na mabedi wʼakyi.”

Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, “Di mʼakyi. Wɔn a wɔawu no nsie wɔn awufo.”

Read More of Mateo 8