Mateo 5:21-42 AKCB

Mateo 5:21-42

Abufuw Ho Mmara

“Mose mmara no ka se, ‘Nea odi awu no, ɔno nso ɛsɛ sɛ wokum no bi.’ Na me de, nea mereka ne sɛ, obiara a ne bo befuw ne nua no, wobebu no atɛn. Bio, obiara a ɔbɛyeyaw ne nua no, wɔbɛfrɛ no wɔ mpanyin anim. Afei obiara a ɔbɛka akyerɛ ne nua se, ‘Ogyimifo’ no bɛkɔ amanehunu gya mu.

“Enti sɛ ɛba sɛ worekɔbɔ afɔre na wokae sɛ wo ne wo nua wɔ asɛm a, gyae afɔre no bɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbɔ mu ansa na woakɔbɔ wʼafɔre no.

“Sɛ wo ne obi nya asɛm a, wo ne no mmɔ mu ntɛm, na wamfa wo ankɔ asennii ankɔma otemmufo, na otemmufo no amfa wo anhyɛ afiasehwɛfo nsa, na afiasehwɛfo no amfa wo ankɔto afiase. Mereka no nokware akyerɛ mo se, ansa na wubefi asennii hɔ no, gye sɛ woatua sika biara a wɔregye afi wo hɔ no.

Aguamammɔ

“Mose mmara no ka se, ‘Nsɛe aware.’ Na me de, nea mereka ne sɛ: Obiara a ohu ɔbea na ne kɔn dɔ no ne koma mu no, abɔ aguaman. Sɛ wʼani baako a eye to wo hintidua a, eye sɛ wubetu atow akyene. Efisɛ eye sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sen sɛ wɔbɛtow wo nipadua no nyinaa akyene amanehunu gya mu. Saa ara nso na sɛ wo nsa a eye to wo hintidua a, eye sɛ wubetwa atow akyene. Efisɛ eye sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sen sɛ wɔbɛtow wo nipadua nyinaa akyene amanehunu gya mu.

Awaregyae

“Mose mmara no ka se, ‘Obiara a obegyaa ne yere no mma no awaregyae krataa.’ Na me de, nea mereka ne sɛ, sɛ ɔbarima bi gyaa ne yere a ɛnyɛ sɛ ɔbea no abɔ aguaman na ɔbea no san kɔware bio a, na ɔbarima a ogyaa no no ama ɔbea no asɛe aware. Ɔbarima foforo a ɔbɛware ɔbea no nso asɛe aware saa ara.

Ɔkasa Mu Nokwaredi

“Bio, Mose mmara no ka se, ‘Mmu bɔ a woahyɛ Onyankopɔn no so, na mmom di bɔ a woahyɛ no no so.’ Na me de, nea mereka ne sɛ: Monnka ntam mmfa nhyɛ bɔ. Monnnɔ ɔsoro, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahengua. Monnnɔ fam, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn nan ase agua. Monnnɔ Yerusalem, efisɛ ɛyɛ ɔhenkɛse kuropɔn. Mfa wo ti nka ntam, efisɛ worentumi nnan tinwi baako mpo mma ɛnyɛ fitaa anaa tuntum. Momma mo nsɛm nyɛ ‘Yiw’ anaa ‘Dabi.’ Asɛm biara a wobɛka a ɛnyɛ Yiw anaa dabi no fi ɔbonsam.

Aweretɔ

“Mose mmara no ka se, ‘Sɛ obi tu wʼani a, tu ne de bi. Sɛ obi tu wo se nso a, tu ne de bi.’ Na me de, nea mereka ne se: Mommfa bɔne ntua bɔne so ka! Sɛ obi bɔ wʼaso nifa mu a, dan benkum no nso ma no na ɔmmɔ mu. Sɛ obi ne wo di asɛm gye wʼatade nhyɛase a, worɔw wʼatade nguguso ka ho ma no. Sɛ obi hyɛ wo sɛ, wo ne no nnantew ɔkwansin baako a, wo ne no nkɔ akwansin abien. Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no; obi pɛ sɛ ɔfɛm wo hɔ biribi a, fa fɛm no.

Read More of Mateo 5