Mateo 4:23-25, Mateo 5:1-20 AKCB

Mateo 4:23-25

Galilea Asɛnka Ne Ayaresa

Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahenni no ho asɛmpa wɔ Yudafo hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahorow a wɔde baa nʼanim nyinaa nso. Yesu anwonwade a ɔyɛe yi trɛw koduu Siriaman mu nyinaa. Eyi ma wɔde wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wotwa, wɔn a wɔyare mmubui ne wɔn a nyarewa ahorow haw wɔn no nyinaa fi Siriaman mu brɛɛ no ma ɔsaa wɔn nyinaa yare. Anwonwade a Yesu yɛɛ yi maa nnipakuw a wofi Galilea ne nkurow “Dekapoli” no mu ne Yerusalem ne Yordan agya tu dii nʼakyi.

Read More of Mateo 4

Mateo 5:1-20

Nhyira Nsɛm

Ohuu nnipakuw no saa no, ɔkɔɔ bepɔw bi so. Ɔtenaa ase no, nʼasuafo no kɔɔ ne nkyɛn. Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn se,

“Nhyira ne wɔn a wonim sɛ wɔyɛ ahiafo wɔ honhom mu,

na wɔn na ɔsoro ahenni yɛ wɔn dea.

Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahow,

na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekye wɔn werɛ.

Nhyira ne ahobrɛasefo,

na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.

Nhyira ne wɔn a wɔn pɛ ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde,

na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn nea ehia wɔn.

Nhyira ne wɔn a wohu mmɔbɔ,

na wɔn na Onyankopɔn behu wɔn mmɔbɔ.

Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu tew,

na wɔn na wobehu Onyankopɔn.

Nhyira ne apatafo,

na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma.

Nhyira ne wɔn a esiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nti, wɔtaa wɔn,

na wɔn na Ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.

“Nhyira ne mo a me din mu nti, wɔyaw mo, taa mo, twa atoro, ka asɛmmɔne to mo so. Momma mo ani nnye na monsɛpɛw mo ho, efisɛ mowɔ akatua a ɛso wɔ ɔsoro. Munhu sɛ saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo kan no.”

Nkyene Ne Kanea

“Mone asase yi so nkyene. Sɛ nkyene dɛ yera a, ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ nkyene bio? Enye mma hwee bio, gye sɛ wohwie gu na nnipa tiatia so.

“Mone wiase kanea. Kurow a ɛda bepɔw so no ntumi nhintaw. Wɔnnsɔ kanea mfa nsie, na mmom wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ofi no mu no nyinaa. Saa ara na momma mo nneyɛe pa nna adi mma nnipa nhu na wɔafa so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.”

Mmara No Mu Denhyɛ

“Munnsusuw sɛ maba sɛ merebɛsɛe Mmara no anaa Adiyifo no nkyerɛkyerɛ no. Na mmom maba sɛ merebɛhyɛ no ma sɛnea ne nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ. Munhu sɛ ɔsoro ne asase da so wɔ hɔ yi, Mmara no mu biribiara rensakra da kosi sɛ ne nyinaa bɛba mu. Eyi nti, obiara a obebu mmara nsɛm no mu fa bi so na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ama wɔn nso abu mmara nsɛm no mu fa bi so no bɛyɛ akumaa ɔsoro ahenni mu. Na obiara a obedi mmara no so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ama wɔn nso adi mmara no so no bɛyɛ ɔkɛse Ɔsoro Ahenni mu. Enti merebɔ mo kɔkɔ sɛ, sɛ mopɛ sɛ mokɔ ɔsoro ahenni mu de a, gye sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛde sen nea Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ne Farisifo no yɛ.

Read More of Mateo 5