Mateo 26:47-68 AKCB

Mateo 26:47-68

Wɔkyere Yesu

Ogu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako ne dɔm a Yudafo mpanyin asoma wɔn a wokurakura afoa ne nkontimmaa baa hɔ. Na Yuda aka akyerɛ wɔn se, “Nea mefew nʼafono no ne onipa no; mokyere no” Yuda baa Yesu nkyɛn bɛbam no kae se, “Me wura!” Na ofew nʼafono.

Yesu ka kyerɛɛ no se, “Damfo, nea wobaa ha se worebɛyɛ no, yɛ no ntɛm.”

Ɛhɔ ara, wɔn a wɔne Yuda nam no kyeree Yesu. Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee nʼafoa de twaa Ɔsɔfopanyin no akoa bi aso.

Yesu ka kyerɛɛ no se, “Fa wʼafoa no to nea ɛda. Na wɔn a wɔtwe afoa no, afoa ano na wobewu. Munnim sɛ metumi aka akyerɛ mʼAgya na wasoma nʼabɔfo mpempem aba ntɛm so, na wɔabɛbɔ yɛn ho ban? Nanso sɛ meyɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na nea Kyerɛwsɛm no ka se ɛsɛ sɛ esi wɔ eyi ho no bɛba mu?”

Bere no mu ara na Yesu bisaa dɔm a wɔbaa ne so no se, “Midi atuatewfo anim nti na mode afoa ne nkontimmaa aba me so sɛ mode rebɛkyere me yi? Metenaa mo nkyɛn kyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu da biara, nso moansiw me kwan. Nanso eyi nyinaa aba sɛnea ɛbɛyɛ a nea adiyifo no kae wɔ Kyerɛwsɛm mu no bɛba mu.” Saa bere no ara mu na asuafo no nyinaa guan gyaa no.

Yesu Gyina Kaiafa Anim

Afei dɔm a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa anim, baabi a mmarakyerɛfo ne Yudafo mpanyin nyinaa ahyia hɔ. Petro tew ne ho dii nnipadɔm no akyi baa Ɔsɔfopanyin no fi hɔ bi. Ɔkɔtenaa asomfo a wɔwɔ hɔ no mu se ɔrehwɛ asɛm a ebesi.

Asɔfo mpanyin ne Yudafo asennifo akunini nyinaa hyiaa wɔ hɔ hwehwɛɛ sɛ wobenya nnansefo bi a wobedi adansekurum ato Yesu so, na wɔagyina so abu no kumfɔ. Nnipa bebree bedii adanse, nanso wohuu sɛ wɔredi adansekurumu, efisɛ na wɔn nsɛm a wɔka no nyinaa bɔ abira.

Akyiri no, nnipa baanu bi ba bɛkae se, “Saa onipa yi kae se, ‘Metumi abubu Onyankopɔn asɔredan na masi no nnansa!’ ”

Ɔsɔfopanyin no sɔre bisaa Yesu se, “Dɛn na wowɔ ka? Wokaa saa anaasɛ woanka saa?” Nanso Yesu ammua no.

Ɔsɔfopanyin no ka kyerɛɛ no se, “Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no a, ka kyerɛ yɛn!”

Yesu ka kyerɛɛ no se, “Yiw, woaka. Na mereka kyerɛ mo nyinaa: Efi nnɛ mubehu Onipa Ba no sɛ mete Onyankopɔn nifa na ɔnam omununkum mu resan aba.”

Ɔsɔfopanyin no sunsuan nʼatade mu teɛɛ mu se, “Abususɛm! Nnansefo bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkae no! Asɛm bɛn na mowɔ ka?”

Wɔn nyinaa teɛɛ mu se, “Ɔsɛ owu!”

Afei wɔtee ntasu guu nʼani so. Ebinom bobɔɔ no akuturuku na ebinom nso bobɔɔ no asotɔre kae se, “Wone Agyenkwa no! Kyerɛ yɛn nea ɔbɔɔ wo?”

Read More of Mateo 26