Mateo 21:18-32 AKCB

Mateo 21:18-32

Yesu Dome Borɔdɔma Dua Bi

Ade kyee anɔpa a ɔresan akɔ Yerusalem no, ɔkɔm dee no. Ohuu sɛ borɔdɔma dua bi si ɔkwan ho baabi. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ borɔdɔma no bi wɔ so, nanso oduu hɔ no, ohuu sɛ nhaban nko ara na ɛwɔ so. Ɔdomee borɔdɔma dua no se, “Efi nnɛ, worensow aba bio!” Ɛhɔ ara borɔdɔma dua no wui.

Asɛm yi yɛɛ Yesu asuafo no nwonwa ma wobisaa no se, “Na ɛyɛɛ dɛn nti na borɔdɔma dua no so nhaban poo ntɛm saa?”

Yesu nso buaa wɔn se, “Nokware, sɛ mowɔ gyidi na munnhinhim a, mubetumi ayɛ ade koro yi ara bi, anaa nea ɛkyɛn saa mpo. Anka mubetumi aka akyerɛ Ngo Bepɔw yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ebetutu akogu mu nso. Biribiara a mode gyidi bebisa wɔ mpaebɔ mu no, mo nsa bɛka.”

Yesu Tumi Ho Asɛmmisa

Yesu san kɔɔ hyiadan mu hɔ a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin baa ne kyɛn bebisaa no tumi ko a ogyina so pam aguadifo ne sikasesafo no fii hyiadan mu hɔ no.

Yesu kae se, “Merebebisa mo asɛm baako bi, na mummua me ansa. Onyankopɔn na ɔsomaa Osuboni Yohane anaa ɛnyɛ ɔno?”

Wodwinnwen ho kae se, “Sɛ yɛka sɛ ‘Efi Onyankopɔn’ a, wobebisa yɛn nea enti a yɛannye nea Yohane kae no anni? Na sɛ yɛka se, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no’ nso a, dɔm no bɛhaw yɛn efisɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifo.”

Enti wɔn mmuae a wɔmae ara ne sɛ, “Yennim!”

Ɛhɔ ara na Yesu nso kae se, “Sɛ munnim de a, me nso meremmua mo.”

Mmabarima Baanu Ho Bɛ

Yesu kae se, “Saa asɛm a merebɛka yi mudwen ho dɛn? Ɔbarima bi wɔ mmabarima baanu. Ɔka kyerɛɛ wɔn mu panyin no se, ‘Me ba, nnɛ kɔ mʼafum na kɔyɛ adwuma wɔ hɔ.’

“Ne ba no kae se, ‘Merenkɔ,’ nanso akyiri no, ɔsesaa nʼadwene na ɔkɔe.

“Afei agya no ka kyerɛɛ akumaa no se, ‘Wo nso kɔ.’ Ɔno nso kae se, ‘Agya, mate, mɛkɔ.’ Nanso wankɔ.

“Saa mmofra baanu yi mu hena na otie nʼagya asɛm?”

Wobuae se, “Ɛyɛ ne ba panyin no.”

Yesu see wɔn se, “Akyinnye biara nni ho sɛ abɔnefo ne nguamanfo bɛkɔ Ɔsoro Ahenni mu ansa na moakɔ. Efisɛ Yohane baa mo nkyɛn sɛ ɔrebɛkyerɛ mo trenee kwan, na moannye no anni. Nanso towgyefo ne nguamanfo gyee no dii. Na muhuu eyi mpo no, moansakra mo adwene, na moannye no anni.”

Read More of Mateo 21