Mateo 19:16-30 AKCB

Mateo 19:16-30

Ahonya Ne Onyankopɔn Ahenni No

Ɛno mu na ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Ɔkyerɛkyerɛfo, ade pa bɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?”

Yesu buaa no se, “Adɛn nti na wubisa me nea ɛyɛ papa ho asɛm? Ɔbaako pɛ na ɔyɛ papa. Sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu de a, di mmara nsɛm no so.”

Aberante no nso bisaa no se, “Mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he?”

Yesu buaa no se, “Nni awu. Nsɛe aware. Mmɔ korɔn. Nni atoro. Di wʼagya ne wo na ni, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”

Aberante no nso kae se, “Midi eyinom nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Afei menyɛ dɛn?”

Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika a wubenya afi mu no ma ahiafo. Ɛno ansa na wubenya ademude wɔ ɔsoro. Afei bedi mʼakyi.”

Esiane sɛ na saa aberante yi wɔ ahonyade bebree nti, ɔtee saa nsɛm no, anyɛ no dɛ maa ɔde awerɛhow fii hɔ kɔe.

Afei Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Meka mo nokware se ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Ɔsoro Ahenni no mu. Meka ti mu se, ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bewura pane aniwa mu sen sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu!”

Asuafo no tee saa asɛm no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn naa. Wobisae se, “Na ɛno de, hena na wiase mu ha wobegye no nkwa?”

Yesu hwɛɛ wɔn buae se, “Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu.”

Ahopakyi

Petro nso kae se, “Yagyaw biribiara hɔ abedi wʼakyi; na mfaso bɛn na yebenya afi wʼakyidi no mu?”

Yesu buae se, “Me, Agyenkwa no, sɛ metena mʼanuonyam ahengua no so a, nokware, mo mʼasuafo yi nso bɛtena ahengua dumien no so na moabu Israel mmusuakuw dumien no atɛn. Na obiara a obegyaw ne fi, ne nuabarimanom, ne nuabeanom, nʼagya, ne na, ne yere, ne mma anaa nʼagyapade abedi mʼakyi no, obenya no ho mmɔho ɔha, na wanya nkwa a enni awiei nso. Na wɔn a wɔadi kan no mu pii bedi akyi, na wɔn a wodi akyi no nso mu bi abedi kan.”

Read More of Mateo 19