Mateo 12:1-21 AKCB

Mateo 12:1-21

Yesu Yɛ Homeda Wura

Homeda bi, Yesu ne nʼasuafo no kɔfaa aburowfuw bi mu. Wɔnam aburowfuw no mu no, ɔkɔm dee asuafo no ma wɔpenpan aburow no bi wee. Farisifo bi huu nea asuafo no reyɛ no, anyɛ wɔn abodwo. Wobisaa Yesu se, “Woahu sɛ wʼasuafo no abu Homeda mmara no so?”

Yesu nso bisaa wɔn se, “Monkenkan nea Ɔhene Dawid yɛe, bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no? Wɔkɔɔ Onyankopɔn fi kodii brodo a wɔde abɔ afɔre, a anka wonni ho kwan sɛ wodi, gye ɔsɔfo nko ara no. Ɛno nso yɛ mmara so bu? Na monnsan nkenkan mfii Mose mmara no mu, sɛ asɔfo a wɔyɛ hyiadan mu adwuma no tumi yɛ adwuma Homeda nso? Mereka ama moate ase sɛ, nea ɔkyɛn hyiadan no wɔ ha! Sɛ moate asɛm a ese, ‘Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ’ no ase yiye a, anka moremmu wɔn a wonni fɔ no fɔ. Na me, Onipa Ba no, meyɛ Homeda no wura.”

Yesu fii nea ɔwɔ hɔ no kɔɔ hyiadan mu. Ohuu ɔbarima bi wɔ ɔdan mu hɔ a na ne nsa baako awu. Farisifo no bisaa Yesu se, “Enti mmara ma ho kwan sɛ obi sa yare Homeda ana?”12.10 Mmara akyerɛkyerɛfo mma ayaresa ho kwan homeda; gye sɛ wohu sɛ, sɛ wɔansa ɔyarefo no yare da no ara na ade kye a, obewu. Obi a na ne nsa awu no de, na ɛnyɛ nea owu hunahuna no. Wobisaa eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya kwan atoto nʼano na wɔakyere no!

Yesu buaa wɔn se, “Mo mu hena na ɔwɔ oguan baako na sɛ ɔkɔtɔ amoa mu Homeda a, ɔrenyi no? Ɔkwan biara so wobɛkɔ akoyi no. Onipa som bo sen oguan! Eyi nti ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa Homeda.”

Afei Yesu ka kyerɛɛ nea ne nsa awu no se, “Teɛ wo nsa!” Ɔyarefo no teɛɛ ne nsa. Ɔteɛɛ ne nsa no ahoɔden baa mu ma ɛyɛɛ sɛ baako no. Farisifo no fii adi kotuu sɛnea wɔbɛkyere Yesu akum no no ho agyina.

Esiane sɛ na onim pɔw a wɔrebɔ wɔ ne ho no nti, ofii hyiadan no mu maa nnipadɔm dii nʼakyi. Ɔsaa wɔn mu ayarefo no nyinaa yare. Nanso ɔbɔɔ wɔn ano se wɔmmmɔ nʼanwonwade a ɔyɛɛ no ho dawuru. Na nkɔm a Odiyifo Yesaia hyɛɛ no aba mu se:

“Monhwɛ mʼakoa a mayi no,

nea medɔ no a me kra ani sɔ no,

mede me honhom begu no so,

na wabu amanaman atɛn.

Ɔrenko, na ɔrenteɛteɛ mu.

Na obi rente ne nne wɔ abɔnten so!

Ɔrensɛe demmire a ɛyɛ mmerɛw no.

Kanea ntamabamma a ɛnnɛw yiye no, ɔrennum;

kosi sɛ ɔnam atɛntrenee so de nkonimdi bɛba.

Ne din bɛyɛ amanaman nyinaa anidaso.”

Read More of Mateo 12