Mateo 11:16-30 AKCB

Mateo 11:16-30

“Dɛn ho na metumi de nnɛmmafo yi atoto? Wɔte sɛ mmofra a wɔte baabi redi agoru. Ɔfa ka kyerɛ ɔfa se,

“ ‘Yɛtoo anigye nnwom maa mo,

nso moansaw.

Yɛtoo awerɛhow nnwom nso maa mo,

nanso moansu.’

Yohane bae a onnidi na ɔnnom no, wose, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’ Onipa Ba no bae a odidi na ɔnom no nso wose, ‘Monhwɛ odidifo ne ɔkɔwensani a ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo fa nnamfo.’ Nanso nea efi Onyankopɔn nyansa mu ba no ma nokware da adi.”

Korasin, Betsaida Ne Kapernaum, Munnue!

Afei, ofii ase kaa nkurow a ɔyɛɛ anwonwade ahorow wɔ hɔ nanso wɔansakra wɔn adwene no anim se, “Korasin, due! Betsaida, due! Anwonwade a meyɛɛ no mo mu no, sɛ meyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfo no de awerɛhow ne ahonu asakra wɔn adwene dedaw. Atemmuda no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsen nea ɛbɛto Tiro ne Sidon! Na wo Kapernaum, wopɛ sɛ woma wo ho so, nanso wɔbɛbrɛ wo ase de wo akɔ amanehunu kurom. Anwonwade a meyɛɛ no wo hɔ no, sɛ wɔyɛɛ no Sodom a, anka ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ. Mereka nokware akyerɛ mo se, atemmuda no, Tiro ne Sodom benya gyinabea pa asen mo!”

Agya No Ayeyi

Asɛnka no akyi, Yesu bɔɔ mpae se, “Agya, ɔsoro ne asase wura, meda wo ase sɛ woanna nokware no adi ankyerɛ wɔn a wosusuw sɛ wɔyɛ anyansafo, na mmom wodaa nokware no adi kyerɛɛ mmofra nkumaa. Yiw, Agya, wopɛ mu na woma ɛbaa saa.

“Mʼagya no de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nnim Ɔba no gye Agya no nko ara. Na obiara nnim Agya no gye Ɔba no, ne wɔn a Ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ wɔn.

“Mo a moayɛ adwuma abrɛ na moasoa nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome. Momfa me konnua nto mo ho so, na munsua me, efisɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome ama mo kra. Efisɛ me konnua yɛ mmerɛw, na mʼadesoa yɛ hare.”

Read More of Mateo 11