Marko 8:14-38, Marko 9:1 AKCB

Marko 8:14-38

Herode Ne Farisifo Mmɔkaw

Asuafo no werɛ fii sɛ wɔfa aduan bi kura ansa na wɔkɔ, gye brodo baako pɛ na na wokura wɔ ɔkorow no mu. Wɔretwa asu no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Ɔhene Herode ne Farisifo mmɔkaw ho.”

Asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Asɛm a ɔreka yi ase ne dɛn?” Nea wɔn adwene kyerɛɛ wɔn ne sɛ, ebia ɔreka aduan a wɔn werɛ fii sɛ wɔbɛfa akita no ho asɛm.

Yesu huu nea wodwinnwen no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnyɛ ɛno ho asɛm na mereka! Monnte eyi ase ana? Mo koma da so pirim? Mowɔ ani nso munhu ade? Mowɔ aso nso momfa nte asɛm? Na monnkae biribi ana? Bere a mibubuu brodo anum mu maa nnipa mpem anum no, nnikae kɛntɛn ahe na motasee?”

Wɔkae se, “Dumien.”

“Na mesan de brodo ason maa nnipa mpem anan no nso, ahe na ɛkae?”

Wɔkae se, “Nkɛntɛn ason.”

Obisaa wɔn bio se, “Monnte ase ara ana?”

Onifuraefo Bi Ayaresa Wɔ Betsaida

Bere a woduu Betsaida no, nnipa bi de onifuraefo bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yare. Yesu soo onifuraefo yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtee ntasu guu onifuraefo no ani so, na ɔde ne nsa guu no so. Yesu bisaa no se, “Wuhu ade ana?”

Onifuraefo no maa nʼani so hwɛɛ soro, buae se, “Yiw, mihu nnipa! Nanso mihu wɔn sɛ nnua bi na wɔnenam hɔ.”

Afei Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifuraefo no buee nʼani, na bere a ɔrehwɛ ade haa no, nʼani no yɛɛ yiye a afei de na ohu biribiara kann. Yesu ma ɔkɔɔ fie, na ɔka kyerɛɛ no se, “Nnsan nnkɔ akuraa no ase bio.”

Petro Ka Se Yesu Ne Kristo No

Yesu ne nʼasuafo no fii Galilea kɔɔ Kaesarea ne Filipi nkuraa ase. Wɔnam ɔkwan so rekɔ no, obisaa wɔn se, “Nnipa ka se mene hena?”

Asuafo no buae se, “Ebinom se wone Osuboni Yohane no, na afoforo nso se woyɛ Elia anaasɛ tete adiyifo no mu bi a wasan aba.”

Na obisaa wɔn se, “Na mo nso mose meyɛ hena?”

Petro buaa no se, “Wone Kristo no.”

Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ se, wɔnnka nkyerɛ obiara.

Yesu Hyɛ Ne Wu Ne Ne Wusɔre Ho Nkɔm

Afei ofii ase kaa Onipa Ba no amane a obehu ne mpanyimfo, asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no po a wɔbɛpo no, na wɔakum no, na nnansa so wasɔre no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa asɛm no pefee a wamfa biribiara anhintaw wɔn. Petro twee no gyinaa nkyɛn bisaa no se, “Adɛn nti na woka asɛm a ɛte sɛɛ yi?”

Yesu dan ne ho hwɛɛ nʼasuafo no kaa Petro anim se, “Fi me so, Ɔbonsam! Wʼadwene yɛ nea efi onipa na ɛnyɛ nea efi Onyankopɔn.”

Ahopaakyi

Afei ɔfrɛɛ nʼasuafo no ne nnipakuw no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se: “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a ɛsɛ sɛ ɔpa ne ho akyi, na ɔsoa nʼasennua, na odi mʼakyi. Nea ɔma ne kra som no bo no, ebefi ne nsa. Na nea me ne asɛmpa no nti, ɔbɛhwere ne kra no, wobegye no nkwa. Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a mfaso bɛn na obenya? Dɛn na ɛsom bo sen ne kra? Na obiara a saa nnabɔne yi mu nʼani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ me, Onipa Ba no aniwu, bere a me ne mʼabɔfo kronkron no bɛsan aba wɔ mʼAgya anuonyam mu no.”

Read More of Marko 8

Marko 9:1

Yesu Anuonyam Hyerɛn

Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mo a mugyina ha yi mu bi bɛtena ase akosi sɛ mubehu sɛ, Onyankopɔn ahenni no reba tumi mu!”

Read More of Marko 9