Marko 6:30-56 AKCB

Marko 6:30-56

Yesu Ma Nnipa Mpem Anum Aduan

Asomafo no san baa Yesu nkyɛn bɛkaa nea wɔyɛɛ ne nea wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ no. Yesu tiee wɔn amanneɛ no wiee no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momma yɛntwe yɛn ho mfi nnipakuw yi ho na yɛnkɔhome kakra.” Nea ɛma ɔkaa saa ne sɛ, na nnipa a wɔba wɔn nkyɛn no to ntwa da. Wonnya kwan mpo na wɔadidi.

Yesu ne nʼasuafo no tenaa ɔkorow mu kɔɔ baabi a obiara nni hɔ. Nanso bere a wɔrekɔ no, nnipa pii huu wɔn ma wotuu mmirika faa mpoano hɔ kotwaa wɔn ho. Eyi nti bere a Yesu sii fam no, na nnipakuw ahyia wɔ hɔ. Ohuu wɔn no ne yam hyehyee no maa wɔn efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree a ɛsɛ sɛ wohu.

Onwini reyɛ adwo no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ade resa. Aduan biara nso nni ha. Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow mu ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi ase, na wɔnkɔtɔ aduan bi nni.”

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Momma wɔn aduan nni.”

Wobisaa no se, “Ansa na yebetumi ama saa nnipa dodow yi aduan no, ɛsɛ sɛ yenya asram asia akatua. Yɛnsɛe sika a ɛte saa mfa mma wɔn brodo nni ana?”

Yesu bisaa wɔn se, “Brodo ahe na mowɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ.”

Wɔsan ba bɛka kyerɛɛ no se, “Wɔwɔ brodo anum ne mpataa abien.”

Afei Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se, wɔntenatena ase, na wɔtenatenaa ase akuwakuw wɔ sare no so. Wɔtenatenaa ase akuwakuw a bi yɛ ɔha na bi yɛ aduonum. Yesu faa brodo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro, bɔɔ mpae, hyiraa so. Obubuu brodo no mu de maa asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn. Nnipa no dii aduan no maa obiara mee! Nnipa a wodii aduan no bɛyɛ mmarima mpem anum; na wɔtasee ase nkae no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.

Yesu Nantew Asu Ani

Adidi no akyi pɛ, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔnkɔtena ɔkorow no mu, na wonni kan nkɔ Betsaida, na ɔregya nnipakuw no kwan na watiw wɔn. Akyiri no, ɔkɔɔ bepɔw no so kɔbɔɔ mpae.

Anadwo no a asuafo no te ɔkorow mu adu asu no mfimfini no, na Yesu nko ara na ɔwɔ mpoano. Ohuu sɛ na wɔn ho akyere wɔn; ɛne sɛ, mframa a ano yɛ den ne asorɔkye bɔ dwiradwiraa ɔkorow no, enti na wɔrebrɛ wɔ ɔkorow no hare mu. Anɔpahema bɛyɛ sɛ nnɔnabiɛsa bere mu no, ɔnantew asu no ani baa wɔn nkyɛn. Ɔyɛɛ sɛ ɔretwa wɔn ho. Bere a asuafo no huu obi sɛ ɔnam asu no ani no, wɔde ehu teɛteɛɛ mu efisɛ na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman. Wɔn nyinaa huu no.

Ɛhɔ ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Momma mo bo ntɔ mo yam. Ɛyɛ me! Munnsuro!” Afei ɔkɔɔ wɔn nkyɛn wɔ ɔkorow no mu no, mframa no gyaee. Asuafo no ho dwiriw wɔn, efisɛ na wɔnte aduanma no ase, na wɔapirim wɔn koma.

Genesaret Ayaresa

Wotwaa asu no baa Genesaret na woduu hɔ no, wɔde ɔkorow no baa mpoano. Na wosi fii ɔkorow no mu no, nnipa a wogyinagyina hɔ no huu no. Wotuu mmirika kyinii nkurow a atwa hɔ ahyia no nyinaa so soaa nnipa a wɔyare deda wɔn akɛtɛ so brɛɛ no wɔ baabiara a wɔtee sɛ ɔwɔ. Na nkuraa ase anaa nkurow so baabiara a ɔkɔe no, wɔde ayarefo beguu mmɔnten so, srɛɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatade ano kɛkɛ. Ayarefo dodow a wotumi de wɔn nsa kaa nʼatade ano no ho yɛɛ wɔn den.

Read More of Marko 6